Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 1 Korintofoɔ 1
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

1 Korintofoɔ Mu Nsɛntitire

      • Nkyea (1-3)

      • Paul daa Onyankopɔn ase maa Korintofoɔ no (4-9)

      • Ɔtuu wɔn fo sɛ wɔnyɛ baako (10-17)

      • Kristo yɛ Onyankopɔn tumi ne Onyankopɔn nyansa (18-25)

      • Yehowa nko ara mu na momma yɛnhoahoa yɛn ho (26-31)

1 Korintofoɔ 1:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 9:15

1 Korintofoɔ 1:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 18:1
  • +1Ko 6:11; Heb 9:13, 14
  • +Mt 12:18, 21; Aso 4:12

1 Korintofoɔ 1:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Kol 1:9

1 Korintofoɔ 1:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 18:5

1 Korintofoɔ 1:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Lu 17:29, 30; 2Te 1:7; 1Pe 1:7

1 Korintofoɔ 1:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 4:5; 5:5; Adi 1:10

1 Korintofoɔ 1:9

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “fekubɔ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 7:9

1 Korintofoɔ 1:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 16:17
  • +Ro 15:5, 6; 2Ko 13:11; Efe 4:1, 3; Flp 2:2

1 Korintofoɔ 1:11

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “abɛyi me asotire.”

1 Korintofoɔ 1:12

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɔno ara na wɔfrɛ no Petro no.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 18:24; 1Ko 3:4, 5, 21-23

1 Korintofoɔ 1:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 18:8
  • +Ro 16:23

1 Korintofoɔ 1:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 16:15

1 Korintofoɔ 1:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 9:15

1 Korintofoɔ 1:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 17:18; 1Ko 2:14
  • +Ro 1:16

1 Korintofoɔ 1:19

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “mɛpia animdefoɔ nimdeɛ ato nkyɛn.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 29:14

1 Korintofoɔ 1:20

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Kyerɛ sɛ, obi a ɔnim Mmara no yie.

  • *

    Anaa “Berɛ yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

1 Korintofoɔ 1:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Kol 2:8
  • +Lu 10:21
  • +1Ko 2:14; 3:18

1 Korintofoɔ 1:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 12:38; Lu 11:29

1 Korintofoɔ 1:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 17:32

1 Korintofoɔ 1:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Kol 2:3

1 Korintofoɔ 1:25

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ko 13:4

1 Korintofoɔ 1:26

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “nnipa ani so.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 4:13
  • +Yoh 7:48; Yak 2:5

1 Korintofoɔ 1:27

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 11:25

1 Korintofoɔ 1:28

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 2:6

1 Korintofoɔ 1:29

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɔhonam biara.”

1 Korintofoɔ 1:30

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 10:4; 2Ko 5:21
  • +Yoh 17:19; Heb 10:10
  • +Ro 3:24; Kol 1:13, 14

1 Korintofoɔ 1:31

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yer 9:24; 2Ko 10:17

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

1 Kor. 1:1Aso 9:15
1 Kor. 1:2Aso 18:1
1 Kor. 1:21Ko 6:11; Heb 9:13, 14
1 Kor. 1:2Mt 12:18, 21; Aso 4:12
1 Kor. 1:5Kol 1:9
1 Kor. 1:6Aso 18:5
1 Kor. 1:7Lu 17:29, 30; 2Te 1:7; 1Pe 1:7
1 Kor. 1:81Ko 4:5; 5:5; Adi 1:10
1 Kor. 1:9De 7:9
1 Kor. 1:10Ro 15:5, 6; 2Ko 13:11; Efe 4:1, 3; Flp 2:2
1 Kor. 1:10Ro 16:17
1 Kor. 1:12Aso 18:24; 1Ko 3:4, 5, 21-23
1 Kor. 1:14Aso 18:8
1 Kor. 1:14Ro 16:23
1 Kor. 1:161Ko 16:15
1 Kor. 1:17Aso 9:15
1 Kor. 1:18Aso 17:18; 1Ko 2:14
1 Kor. 1:18Ro 1:16
1 Kor. 1:19Yes 29:14
1 Kor. 1:21Kol 2:8
1 Kor. 1:21Lu 10:21
1 Kor. 1:211Ko 2:14; 3:18
1 Kor. 1:22Mt 12:38; Lu 11:29
1 Kor. 1:23Aso 17:32
1 Kor. 1:24Kol 2:3
1 Kor. 1:252Ko 13:4
1 Kor. 1:26Aso 4:13
1 Kor. 1:26Yoh 7:48; Yak 2:5
1 Kor. 1:27Mt 11:25
1 Kor. 1:281Ko 2:6
1 Kor. 1:30Ro 10:4; 2Ko 5:21
1 Kor. 1:30Yoh 17:19; Heb 10:10
1 Kor. 1:30Ro 3:24; Kol 1:13, 14
1 Kor. 1:31Yer 9:24; 2Ko 10:17
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
1 Korintofoɔ 1:1-31

Krataa a Ɛdi Kan a Ɔde Kɔmaa Korintofoɔ

1 Me Paul, a wɔnam Onyankopɔn pɛ so afrɛ me sɛ memmɛyɛ Kristo Yesu somafoɔ,+ ne yɛn nua Sostene, 2 yɛde krataa yi rebrɛ Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto+ no. Yɛde rebrɛ mo a wɔate mo ho wɔ Kristo Yesu mu+ a wɔafrɛ mo sɛ mommɛyɛ akronkronfoɔ, mo ne wɔn a wɔrebɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din wɔ baabiara no nyinaa.+ Ɔno na ɔyɛ wɔn Awurade ne yɛn Awurade.

3 Yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom ne asomdwoeɛ nka mo.

4 Onyankopɔn adom a wɔde ama mo Kristo Yesu mu no nti, daa meda me Nyankopɔn ase ma mo; 5 ɛfiri sɛ ne nti, moanya mo ho wɔ biribiara mu, kasa ne nimdeɛ nyinaa mu,+ 6 sɛdeɛ Kristo ho adanseɛ+ no atim mo mu no; 7 ɛno nti mowɔ akyɛdeɛ no nyinaa bi, seesei a moretwɛn dendeenden sɛ wɔbɛda yɛn Awurade Yesu Kristo adi+ no. 8 Bio nso, ɔbɛma mo ase atim akɔsi awieeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrennya mo ho asɛm biara yɛn Awurade Yesu Kristo da+ no. 9 Onyankopɔn a wafrɛ mo aba ne Ba a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo ayɔnkofa* mu no, ɔyɛ Onyankopɔn nokwafoɔ.+

10 Afei anuanom, metu mo fo yɛn Awurade Yesu Kristo din mu sɛ mo nyinaa nyɛ ano korɔ, na mommma mpaapaemu mmma mo mu.+ Mmom monka mmom dendeenden wɔ adwenkorɔ ne nsusuiɛ korɔ mu.+ 11 Me nuanom, deɛ enti a mereka saa ne sɛ, Kloe fiefoɔ bi abɛbɔ me amanneɛ* sɛ akasakasa wɔ mo mu. 12 Deɛ merekyerɛ ne sɛ, mo mu biara ka sɛ: “Meyɛ Paul dea,” “Me deɛ, meyɛ Apolo+ dea,” “Me deɛ, meyɛ Kefa* dea,” “Me deɛ, meyɛ Kristo dea.” 13 Kristo mu apaapae anaa? Paul na wɔbɔɔ no asɛndua mu maa mo anaa? Anaa Paul din mu na wɔbɔɔ mo asu? 14 Meda Onyankopɔn ase sɛ mammɔ mo mu biara asu, gye Krispo+ ne Gaio,+ 15 na obi anka sɛ wɔbɔɔ mo asu wɔ me din mu. 16 Aane, afei nso mebɔɔ Stefana fiefoɔ asu.+ Wɔn a aka no deɛ, sɛ mebɔɔ wɔn mu bi asu a, menkae. 17 Ɛfiri sɛ Kristo ansoma me sɛ menkɔbɔ asu, na mmom ɔsomaa me sɛ menkɔka asɛmpa no;+ ɛnyɛ nyansa-kasa na ɔde somaa me, na Kristo asɛndua no anyɛ kwa.

18 Na asɛndua no ho asɛm no yɛ nkwaseasɛm ma wɔn a wɔreyera,+ na yɛn a wɔregye yɛn nkwa no deɛ, ɛyɛ Onyankopɔn tumi ma yɛn.+ 19 Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: “Mɛma anyansafoɔ nyansa asɛe, na meremfa animdefoɔ nimdeɛ nyɛ hwee.*+ 20 Onyansafoɔ wɔ he? Ɔtwerɛfoɔ* wɔ he? Wiase yi* mu okyinnyegyefoɔ wɔ he? Onyankopɔn mmaa wiase nyansa nnanee nkwaseasɛm anaa? 21 Saa kwan yi so na Onyankopɔn nyansa da adi. Ɛne sɛ, wiase no antumi amfa ɛno ara ne nyansa so+ anhu Onyankopɔn,+ nanso Onyankopɔn nyansa nti, asɛm a yɛka a ɛyɛ nkwaseasɛm wɔ wiase no ani so+ no, ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ ɔbɛfa so agye wɔn a wɔgye die no.

22 Yudafoɔ bisa nsɛnkyerɛnne,+ na Greecefoɔ nso hwehwɛ nyansa. 23 Na yɛn deɛ, yɛka Kristo a wɔbɔɔ no asɛndua mu kum no no ho asɛm. Saa asɛm no yɛ suntidua ma Yudafoɔ, ɛnna ɛyɛ nkwaseasɛm ma amanaman no.+ 24 Nanso wɔn a wɔafrɛ wɔn no deɛ, Yudafoɔ oo, Greecefoɔ oo, Kristo yɛ Onyankopɔn tumi ne Onyankopɔn nyansa+ ma wɔn. 25 Ɛfiri sɛ adeɛ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ a nnipa bu no nkwaseadeɛ no, ɛwɔ nyansa kyɛn nnipa. Na adeɛ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ a nnipa bu no sɛ ɛyɛ mmerɛ no, ɛyɛ den kyɛn nnipa.+

26 Anuanom, mohwɛ frɛ a wafrɛ mo no a, mo ara mohu sɛ wamfrɛ honam fam* anyansafoɔ pii,+ ɛnna wamfrɛ atumfoɔ bebree anaa adehyeɛ pii;+ 27 na mmom Onyankopɔn ayi nneɛma a wiase bu no nkwaseadeɛ no sɛ ɔde bɛhyɛ anyansafoɔ aniwuo; na Onyankopɔn ayi adeɛ a wiase bu no sɛ ɛyɛ mmerɛ no sɛ ɔde bɛhyɛ deɛ wiase bu no sɛ ɛyɛ den no aniwuo;+ 28 na Onyankopɔn ayi nneɛma a wiase bu no sɛ ɛnsɛ hwee, ne nneɛma a wɔbu no animtia, nneɛma a wiase bu no sɛ mfasoɔ nni so, sɛ ɔde bɛtu nneɛma a wiase bu no sɛ mfasoɔ wɔ so agu,+ 29 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara* renhoahoa ne ho Onyankopɔn anim. 30 Na Onyankopɔn na wama mo ne Kristo Yesu ayɛ baako, Yesu a wama yɛahu Onyankopɔn nyansa ne ne tenenee,+ a wama yɛn ho ateɛ,+ a wayɛ agyedeɛ ama yɛn ama yɛanya ahofadie+ no. 31 Onyankopɔn ayɛ saa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ wɔatwerɛ yi bɛba mu: “Deɛ ɔhoahoa ne ho no, ma no nhoahoa ne ho Yehowa* mu.”+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane