Ɔde Kɔmaa Efesofoɔ
1 Me Paul a menam Onyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafoɔ no, meretwerɛ akɔma akronkronfoɔ a wɔwɔ Efeso+ a wɔyɛ anokwafoɔ wɔ Kristo Yesu mu:
2 Yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom ne asomdwoeɛ nka mo.
3 Ayeyie nka yɛn Awurade Yesu Kristo Agya ne ne Nyankopɔn, ɛfiri sɛ ɔde honhom fam nhyira nyinaa bi ahyira yɛn Kristo mu wɔ soro.+ 4 Ɛno nti na ɔyii yɛn kaa ne* ho ansa na wɔrehyɛ wiase ase, sɛ yɛnnya ɔdɔ na yɛnyɛ kronn a dɛm biara nni yɛn ho+ wɔ Onyankopɔn anim. 5 Na ɛsiane sɛ ɛyɛ ne pɛ na ɛsɔ n’ani+ nti, ɔhyɛ too hɔ+ sɛ ɔnam Yesu Kristo so bɛgye yɛn aba ne nkyɛn sɛ ɔno ara ne mma,+ 6 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nkurɔfoɔ bɛkamfo Onyankopɔn adom+ kɛseɛ a ɔnam deɛ ɔdɔ no no+ so de adom yɛn no. 7 Ɛnam deɛ ɔdɔ no no mogya so+ na yɛanya ɔgyeɛ, kyerɛ sɛ, yɛanya bɔnefakyɛ,+ sɛdeɛ n’adom bebrebe no teɛ.
8 Adom yi, ɔmaa no boroo so maa yɛn wɔ nyansa ne nteaseɛ nyinaa mu. 9 Deɛ ɔyɛeɛ ne sɛ, ahintasɛm kronkron+ a ɛfa n’apɛdeɛ ho no, ɔyii no adi kyerɛɛ yɛn. Ɛsiane sɛ ɛsɔ n’ani nti, ɔno ara bɔɔ ne tirim sɛ, 10 berɛ a wahyɛ no so a, ɔbɛdi nneɛma ho dwuma* na waka nneɛma nyinaa abom bio wɔ Kristo mu, deɛ ɛwɔ soro ne deɛ ɛwɔ asaase so.+ Ne mu na ɔbɛka nneɛma nyinaa abom. 11 Ɔno na yɛne no ayɛ baako, na wɔayɛ yɛne no nyinaa adedifoɔ,*+ ɛfiri sɛ deɛ ɔtumi yɛ biribiara a ɔpɛ ma n’atirimpɔ ba mu no ahyehyɛ no saa, 12 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, yɛn a yɛadi kan anya Kristo mu anidasoɔ no nti, nkurɔfoɔ bɛyi Onyankopɔn ayɛ na wɔahyɛ no animuonyam. 13 Na mo nso berɛ a motee nokorɛ no, kyerɛ sɛ, mo nkwagyeɛ ho asɛmpa no, monyaa anidasoɔ wɔ ne mu. Berɛ a monyaa ne mu gyidie no, wɔnam ne so de honhom kronkron a Onyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ ɛbɛba no hyɛɛ mo nso.+ 14 Saa honhom no yɛ agyapadeɛ a yɛn nsa bɛka daakye no ho adanseɛ a ɛdi mu.*+ Deɛ enti a wɔahyɛ mo nso ne sɛ, ɛbɛma Onyankopɔn ankasa nkurɔfoɔ*+ anya ɔgyeɛ,+ na ɛde ayeyie ne animuonyam abrɛ no.
15 Wei nti me nso, ɛfiri berɛ a metee sɛ mowɔ Awurade Yesu mu gyidie na moakyerɛ sɛ modɔ akronkronfoɔ nyinaa no, 16 daa meda Onyankopɔn ase ma mo. Megu so ara bɔ mo din wɔ me mpaebɔ mu; 17 mesrɛ sɛ animuonyam Agya a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn no bɛma mo tumi a mode bɛhu nyansa na moate nneɛma a ɔyi kyerɛ yɛn no ase, na moanya nokorɛ nimdeɛ.+ 18 Onyankopɔn abue mo akomam, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhu anidasoɔ a ɔde ama mo, ne nneɛma pa a ɛkyɛn so a ɔde ahyɛ akronkronfoɔ bɔ+ no, 19 na moahunu sɛdeɛ ne tumi ne n’ahoɔden yɛ kɛseɛ boro so ma yɛn a yɛyɛ agyidifoɔ no.+ Saa ahoɔden no da adi wɔ sɛdeɛ ne tumi yɛ adwuma no mu; 20 Ɛno na ɔde di boaa Kristo, berɛ a ɔnyanee no firii awufoɔ mu na ɔde no tenaa ne nsa nifa+ wɔ soro no; 21 ɔde no tenaa baabi a ɛkorɔn koraa sene aban, tumi, ahoɔden, ne mpaninnie nyinaa, ne edin biara,+ ɛnyɛ wiase yi* mu nko, na mmom deɛ ɛreba no nso mu. 22 Ɔde nneɛma nyinaa nso guu ne nan ase,+ na ɔyɛɛ no biribiara so panin* wɔ asafo no mu;+ 23 asafo no ne ne nipadua,+ na ɔno a ɔhyɛ adeɛ nyinaa mã no, ɔno na ɔhyɛ asafo no mã.