Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Kolosefoɔ 2
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Kolosefoɔ Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Onyankopɔn ahintasɛm kronkron a ɛne Kristo no (1-5)

      • Monhwɛ yie na wɔannaadaa mo (6-15)

      • Papa no, ɛno ne Kristo (16-23)

Kolosefoɔ 2:1

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “wɔnhuu me ɔhonam mu.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Kol 4:16

Kolosefoɔ 2:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ko 1:6
  • +Kol 3:14
  • +1Ko 2:7; Efe 3:5, 6

Kolosefoɔ 2:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 1:30; 2:16

Kolosefoɔ 2:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 14:40
  • +1Ko 15:58; Heb 3:14

Kolosefoɔ 2:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Efe 2:20; 3:17
  • +Mt 7:24, 25
  • +Efe 5:20; 1Te 5:18

Kolosefoɔ 2:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Efe 5:6; Heb 13:9

Kolosefoɔ 2:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Kol 1:19

Kolosefoɔ 2:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Efe 1:20, 21; 1Pe 3:22

Kolosefoɔ 2:11

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “dua.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 2:29; Flp 3:3
  • +Ro 6:6

Kolosefoɔ 2:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 6:4
  • +Efe 2:6; Kol 3:1
  • +Aso 2:24; Efe 1:19, 20

Kolosefoɔ 2:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Efe 2:1, 5
  • +Aso 2:38

Kolosefoɔ 2:14

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 34:27; De 31:24-26; Heb 7:18
  • +Efe 2:14, 15
  • +Ro 7:10; Ga 3:10
  • +Ga 3:13; Heb 9:15; 1Pe 2:24

Kolosefoɔ 2:15

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɔnam Kristo.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Yo 5:4; Adi 3:21

Kolosefoɔ 2:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 14:3, 17
  • +Dw 81:3
  • +Ro 14:6

Kolosefoɔ 2:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Heb 8:5; 10:1
  • +Yoh 14:6; Heb 9:11, 12

Kolosefoɔ 2:18

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “nkonimboɔ.”

  • *

    Wɔfaa asɛm yi firii abosonsomfoɔ nsɛm mu. Ná wɔka saa asɛm yi berɛ a wɔreyɛ amanneɛ de obi aba abosonsom mu no.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Flp 3:14

Kolosefoɔ 2:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Efe 1:22, 23
  • +Efe 2:21; 4:16

Kolosefoɔ 2:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ga 4:3; Kol 2:8
  • +Efe 2:15; Kol 2:14

Kolosefoɔ 2:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 15:9

Kolosefoɔ 2:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ti 4:3

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Kol. 2:1Kol 4:16
Kol. 2:22Ko 1:6
Kol. 2:2Kol 3:14
Kol. 2:21Ko 2:7; Efe 3:5, 6
Kol. 2:31Ko 1:30; 2:16
Kol. 2:51Ko 14:40
Kol. 2:51Ko 15:58; Heb 3:14
Kol. 2:7Efe 2:20; 3:17
Kol. 2:7Mt 7:24, 25
Kol. 2:7Efe 5:20; 1Te 5:18
Kol. 2:8Efe 5:6; Heb 13:9
Kol. 2:9Kol 1:19
Kol. 2:10Efe 1:20, 21; 1Pe 3:22
Kol. 2:11Ro 2:29; Flp 3:3
Kol. 2:11Ro 6:6
Kol. 2:12Ro 6:4
Kol. 2:12Efe 2:6; Kol 3:1
Kol. 2:12Aso 2:24; Efe 1:19, 20
Kol. 2:13Efe 2:1, 5
Kol. 2:13Aso 2:38
Kol. 2:14Ex 34:27; De 31:24-26; Heb 7:18
Kol. 2:14Efe 2:14, 15
Kol. 2:14Ro 7:10; Ga 3:10
Kol. 2:14Ga 3:13; Heb 9:15; 1Pe 2:24
Kol. 2:151Yo 5:4; Adi 3:21
Kol. 2:16Ro 14:3, 17
Kol. 2:16Dw 81:3
Kol. 2:16Ro 14:6
Kol. 2:17Heb 8:5; 10:1
Kol. 2:17Yoh 14:6; Heb 9:11, 12
Kol. 2:18Flp 3:14
Kol. 2:19Efe 1:22, 23
Kol. 2:19Efe 2:21; 4:16
Kol. 2:20Ga 4:3; Kol 2:8
Kol. 2:20Efe 2:15; Kol 2:14
Kol. 2:22Mt 15:9
Kol. 2:231Ti 4:3
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Kolosefoɔ 2:1-23

Krataa a Ɔde Kɔmaa Kolosefoɔ

2 Deɛ ɛteɛ ne sɛ, mepɛ sɛ mohunu aperepereɛ kɛseɛ a meredi ma mo ne wɔn a wɔwɔ Laodikea+ ne wɔn a wɔmfaa wɔn ani nhuu me* no nyinaa. 2 Wei bɛma wɔanya awerɛkyekyerɛ+ na wɔabom ayɛ baako wɔ ɔdɔ mu,+ na ama wɔanya mfasoɔ ɛsiane nteaseɛ a ɛdi mu a wɔanya nti, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn ahintasɛm kronkron a ɛne Kristo no,+ wɔbɛnya ho nokorɛ nimdeɛ. 3 Ɔno mu na wɔakora nyansa ne nimdeɛ ademudeɛ nyinaa so.+ 4 Mereka wei na obiara amfa adɛfɛdɛfɛsɛm annaadaa mo. 5 Ɛwom sɛ menni hɔ ɔhonam mu deɛ, nanso me ne mo wɔ hɔ honhom mu, na m’ani agye sɛ mate sɛ mototo nneɛma yie+ na mowɔ gyidie kɛse wɔ Kristo mu.+

6 Enti sɛdeɛ moagye Awurade Kristo Yesu no, monkɔ so ne no mmom nnante, 7 na wɔnto mo nsi ne so na monnye nhini+ na montintim wɔ gyidie no mu+ sɛdeɛ wɔkyerɛkyerɛɛ mo no, na monna Onyankopɔn ase daa.+

8 Monhwɛ yie, anyɛ saa a, obi de nyansapɛ ne nnaadaa hunu+ a ɛnnyina Kristo so, na mmom ɛgyina nnipa atetesɛm ne wiase no nneɛma hunu so bɛtwetwe mo de mo ayɛ nkoa; 9 ɛfiri sɛ Kristo mu na Onyankopɔn suban ayɛ ma.+ 10 Enti ɔno a ɔyɛ nnisoɔ ne tumidie nyinaa ti+ no, monam ne so ayɛ ma. 11 Ɔno a mo ne no bɔeɛ no ama mo nso wɔatwa mo twetia* a wɔamfa nsa na ɛtwaeɛ, na mmom wɔnam Kristo mu twetiatwa+ so yii ɔhonam nipadua no firii hɔ.+ 12 Na wɔsiee mo ne no wɔ n’asubɔ mu,+ na ɔno a mo ne no bɔeɛ no ama wɔanyane mo+ abom nso, ɛfiri sɛ monyaa gyidie wɔ Onyankopɔn nnwuma akɛseɛ mu; ɔno na ɔnyanee no firii awufoɔ mu.+

13 Bio nso, berɛ bi, mo mfomsoɔ ne twetia a montwaeɛ nti, na moawuwu, nanso Onyankopɔn maa mo ne Kristo baa nkwa mu bio.+ Ɔdom yɛn de yɛn mfomsoɔ nyinaa kyɛɛ yɛn,+ 14 na ɔpepaa nsaano ntwerɛeɛ+ a ahyɛdeɛ ayɛ no ma+ a na ɛko tia yɛn+ no firii hɔ. Ɔde bɔɔ asɛndua* mu yi firii kwan mu.+ 15 Wapa nnisoɔ ne tumidie ahodoɔ no ho ntoma, na wafa wɔn sɛ nkoa agu wɔn anim ase wɔ badwam,+ na ɔnam asɛndua no* so ama ada adi pefee sɛ wadi wɔn so nkonim.

16 Enti mommma obiara mmmu mo atɛn wɔ deɛ modi ne deɛ monom ho,+ anaa afahyɛ anaa bosome foforɔ+ anaa homeda+ ho. 17 Saa nneɛma no yɛ deɛ ɛreba no sunsum;+ papa no deɛ, ɛno ne Kristo.+ 18 Mommma obi nnyɛ mmma abasobɔdeɛ* no mmmɔ mo;+ obi a ɔwɔ kraman ahobrɛaseɛ na ɔpɛ abɔfosom a deɛ n’ani tua na “ɔgye gyina mu.”* Ɛsiane sɛ ɔsusu nneɛma ho ɔhonam mu nti, ɔma ne ho so, nanso nteaseɛ biara nnim. 19 Ɔmmata ti+ no ho; eti a nipadua no nyinaa nam n’akwaa ne ne ntini ahodoɔ so nya deɛ ɛhia na ama atoatoam wɔ koroyɛ mu no. Eti no na ɛma nipadua no kɔ so nyini sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɛnyini no.+

20 Sɛ mo ne Kristo wuu wɔ wiase no nneɛma hunu+ ho a, adɛn nti na moyɛ mo adeɛ te sɛ deɛ moda so wɔ wiase na mode ahyɛdeɛ ahodoɔ yi to mo ho so bio+ sɛ: 21 “Monnsɔ mu, monnka nnhwɛ, na mommfa mo nsa nnka”? 22 Saa nneɛma no nyinaa, wɔde yɛ deɛ wɔde bɛyɛ wie a, na asɛe; ɛgyina nnipa ahyɛdeɛ ne wɔn nkyerɛkyerɛ+ so. 23 Saa nneɛma no nyinaa ayɛ sɛ deɛ nyansa wom, nanso ɛyɛ wɔn ankasa som mu nneɛma, kraman ahobrɛaseɛ a ɛma wɔde wɔn ankasa nipadua mpo fa ahoyera mu,+ nanso mfasoɔ biara nni so, ɛfiri sɛ ɛmma wɔntumi nko ntia ɔhonam akɔnnɔ.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane