Timoteo Nwoma a Ɛdi Kan
1 Me Paul a yɛn Agyenkwa Nyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔyɛ yɛn anidasoɔ no ayi me sɛ Kristo Yesu somafoɔ no,+ 2 mede krataa yi rekɔma Timoteo*+ a ɔyɛ me ba paa+ wɔ gyidie no mu no:
Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu adom ne mmɔborɔhunu ne asomdwoeɛ nka wo.
3 Berɛ a merebɛkɔ Makedonia no, mesrɛɛ wo sɛ tena Efeso. Saa ara na seesei nso meresrɛ wo sɛ tena hɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛma ebinom ate wɔn ho ase sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ foforɔ, 4 na ɛnsɛ sɛ wɔtie atosɛm+ ne abusua santen ho nsɛm. Saa nneɛma no, mfasoɔ biara nni so.+ Deɛ ɛde ba ara ne akekakeka; ɛmma yɛnnya biribiara a ɛhyɛ gyidie den mfiri Onyankopɔn hɔ. 5 Deɛ ɛwom ne sɛ, akwankyerɛ* a mede ama yi, adwene a ɛwɔ akyire ara ne sɛ yɛbɛfiri akoma a emu teɛ, ne ahonim* pa, ne gyidie+ a nyaatwom nnim mu ada ɔdɔ adi.+ 6 Ebinom amane afiri weinom ho, enti nsɛnhunu+ na wɔkeka. 7 Wɔpɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ+ mmara, nanso nsɛm a wɔka no, wɔnte aseɛ, na deɛ wɔgye gyina mu dendeenden no nso, wɔnte aseɛ.
8 Yɛnim sɛ, sɛ obi de Mmara no yɛ adwuma yie* a, ɛnneɛ na Mmara no yɛ papa. 9 Nanso ɛsɛ sɛ ɔkae sɛ, ɛnyɛ ateneneefoɔ nti na wɔhyɛ mmara, na mmom wɔhyɛ mmara ma mmaratofoɔ+ ne atuatefoɔ, amumuyɛfoɔ ne abɔnefoɔ, wɔn a wɔdi afoforɔ hwammɔ* ne wɔn a wɔmfa nneɛma kronkron nyɛ hwee, wɔn a wɔkum wɔn papanom ne wɔn a wɔkum wɔn maamenom, awudifoɔ, 10 adwamammɔfoɔ,* mmarima a wɔne mmarima da, wɔn a wɔkye nkurɔfoɔ sie, atorofoɔ, wɔn a wɔka ntam hunu,* ne biribi foforɔ biara a ɛtia nkyerɛkyerɛ pa*+ no. 11 Animuonyam asɛmpa a ɛfiri anigyeɛ Nyankopɔn no nkyɛn a wɔde ahyɛ me nsa+ no, ɛno na saa nkyerɛkyerɛ pa no gyina so.
12 Meda yɛn Awurade Kristo Yesu a ɔhyɛɛ me den no ase, ɛfiri sɛ wabu me ɔnokwafoɔ de ɔsom adwuma bi ahyɛ me nsa.+ 13 Ɛwom, berɛ bi a atwam no mekekaa abususɛm, metan nkurɔfoɔ ani, na meyɛɛ aniammɔnho.+ Nanso wɔhuu me mmɔbɔ, ɛfiri sɛ na mennim deɛ mereyɛ, na gyidie a na menni nti na meyɛɛ saa. 14 Nanso yɛn Awurade adom dɔɔso boroo so, na na gyidie ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu nso ka ho. 15 Saa asɛm yi yɛ nokorɛ, na ɛsɛ sɛ yɛgye tom paa. Ɛne sɛ: Kristo Yesu baa wiase sɛ ɔrebɛgye abɔnefoɔ nkwa.+ Na mene ɔbɔnefoɔ a ɔsene abɔnefoɔ nyinaa.+ 16 Nanso, wɔhuu me mmɔbɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, me a mesene abɔnefoɔ nyinaa no, Kristo Yesu bɛfa me so ayi n’aboterɛ nyinaa adi, na ɔde me ayɛ nhwɛsoɔ ama wɔn a wɔbɛgye no adi na wɔanya daa nkwa+ no.
17 Afei, mmeresanten Hene,+ deɛ ɔmporɔ,+ deɛ wɔnhu no,+ Onyankopɔn koro pɛ no,+ ɔno na anidie ne animuonyam nka no daa daa. Amen.
18 Me ba Timoteo, mede akwankyerɛ* yi rema wo, sɛdeɛ wo ho nkɔm a wɔhyɛeɛ no kyerɛ no, na nkɔmhyɛ no aboa wo ama woakɔ so ako ɛko pa no.+ 19 Berɛ a woreko ɛko pa no, kura gyidie ne ahonim pa+ mu. Ɛno na ebinom apia ato nkyɛn ama wɔn gyidie asɛe te sɛ po so hyɛn a abɔ. 20 Wɔn mu bi ne Himeneo+ ne Aleksandro, na mede wɔn ama Satan+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ntenesoɔ bɛma wɔasua sɛ wɔrenkeka abususɛm.