Mika
1 Yuda ahemfo+ Yotam+ ne Ahas+ ne Hesekia+ berɛ so no, Yehowa asɛm baa Mika*+ a ɔfiri Moreset nkyɛn. Ɔnyaa anisoadehunu a ɛfa Samaria ne Yerusalem ho sɛ:
2 “Aman nyinaa, montie!
Asaase ne deɛ ɛwom nyinaa, monyɛ aso,
Na momma Awurade Tumfoɔ Yehowa nni adanseɛ ntia mo+
Wɔ Yehowa asɔrefie kronkron mu hɔ.
3 Hwɛ! Yehowa firi ne tenabea reba;
Ɔbɛsiane aba, na wabɛtiatia asaase so nkokoɔ so.
4 Mmepɔ bɛnane wɔ ne nan ase,+
Na abɔn* mu bɛpaapae
Sɛdeɛ egya nane ɛwoɔkyɛm no,
Sɛdeɛ nsuo a wɔahwie agu baabi a ɛhɔ siane teɛ no.
Deɛn ne Yakob atuateɛ?
Ɛnyɛ Samaria?+
Na deɛn ne Yuda nkokoɔ?+
Ɛnyɛ Yerusalem?
6 Mɛma Samaria adane aboɔ akuakuo,*
Baabi a wɔdua bobe;
Mɛto* n’aboɔ agu bɔn mu,
Na mɛma ne fapem ho ada hɔ.
Mɛsɛe n’abosom nyinaa.
Ɔde tuutuusie sika na ɛnyaeɛ,
Na ɛbɛdane tuutuufoɔ foforɔ akatua.”
Mɛsu te sɛ sakraman,
Na mabɔ bena te sɛ nsohori.
Ne yareɛ no atrɛ abɛduru me man kuro pono ano, abɛduru Yerusalem.+
10 “Mommmɔ so wɔ Gat;
Monnsu koraa.
Mommunimuni mfuturo mu wɔ Bet-Afra.*
11 Mo a mote* Safir, momfa adagya ne aniwuo mmɛsene.
Wɔn a wɔte* Saanan deɛ, wɔmpueeɛ.
Wɔbɛbɔ bena wɔ Bet-Esel, na ɔrennyina w’akyi bio.
12 Ɛfiri sɛ wɔn a wɔte* Marot no hwɛɛ biribi pa kwan,
Nanso bɔne na ɛsiane firii Yehowa hɔ baa Yerusalem pono ano.
13 O, mo a mote* Lakis,+ momfa teaseɛnam nsã apɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare no kɔn mu.
Wo na woyɛ Sion babaa bɔne mfitiaseɛ,
Na wo mu na wɔhuu Israel atuateɛ.+
14 Enti wobɛma Moreset-Gat nkradie* akyɛdeɛ.
Na Aksib afie+ ama Israel ahemfo nsa asi fam.
15 O, mo a mote* Maresa,+ mɛma obi abɛdi mo so nkonim.+
Israel animuonyam bɛkɔ ara akɔduru Adulam.+
16 Wo mma a w’ani gye wɔn ho nti, bɔ tikwa, werɛ wo tiri ho nyinaa.
Ma wo tiri ho nyɛ kwabokwabo sɛ pɛtɛ,*
Ɛfiri sɛ wɔatu wɔn ase
afiri wo nkyɛn kɔ obi man so.”+