Luka Twerɛtohɔ
1 Nnipa bebree abɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyehyɛ nokwasɛm ahodoɔ a yɛagye atom no.+ 2 Saa nokwasɛm no, adansefoɔ a wɔde wɔn ani huu deɛ ɛkɔɔ so+ firi mfitiaseɛ, ne wɔn a asɛmpa no nti wɔsomeeɛ no+ na wɔde maa yɛn. 3 Ɛno nti, me nso mabɔ me tirim saa ara, ɛfiri sɛ mahwehwɛ nneɛma nyinaa mu pɛpɛɛpɛ afiri mfitiaseɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛtwerɛ no nnidisoɔ nnidisoɔ abrɛ wo, onimuonyamfoɔ Teofilo,+ 4 na ama woahunu sɛ, nsɛm a wɔde akyerɛkyerɛ wo a wote firii nkurɔfoɔ anom+ no yɛ nokorɛ.
5 Yudea hene Herode* berɛ so no,+ na ɔsɔfoɔ bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Sakaria a ɔfiri Abia+ asɔfokuo no mu. Ná ne yere yɛ Aaron mma mmaa* no mu baako, na na ne din de Elisabet. 6 Ná wɔn mmienu nyinaa tene wɔ Onyankopɔn anim, na na wɔdi Yehowa* mmara ne n’ahyɛdeɛ nyinaa so pɛpɛɛpɛ a asɛm biara nni wɔn ho. 7 Nanso na wɔnni ba, ɛfiri sɛ na Elisabet nwo,* na na wɔn mmienu nyinaa anyinyini paa.
8 Ɛduruu asɔfokuo+ a Sakaria wom no so sɛ wɔyɛ asɔfodwuma wɔ Onyankopɔn anim. 9 Na sɛdeɛ asɔfodwuma no ho nhyehyɛeɛ* teɛ no, na aduru Sakaria so sɛ ɔkɔ Yehowa* kronkronbea+ hɔ kɔhye aduhwam.+ 10 Berɛ a ɔrehye aduhwam no, na nnipadɔm no nyinaa wɔ abɔnten* rebɔ mpaeɛ. 11 Ɛnna Yehowa* bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ no, na ɔbɛgyinaa aduhwam afɔrebukyia no nifa. 12 Berɛ a Sakaria huu no no, ne ho yeraa no, na ehu kaa no. 13 Nanso ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Sakaria, nsuro, ɛfiri sɛ wɔatie wo nkotosrɛ, na wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima ama wo, na ɛsɛ sɛ woto ne din Yohane.+ 14 W’ani bɛgye na wo ho asɛpɛ wo, na nnipa pii bɛdi n’awoɔ ho ahurisie,+ 15 ɛfiri sɛ ɔbɛyɛ kɛseɛ Yehowa* anim.+ Nanso ɛnsɛ sɛ ɔnom bobesa anaa nsã a ɛborɔ biara,+ na honhom kronkron bɛyɛ no ma mpo ansa na wɔawo no,*+ 16 na ɔbɛdane Israel mma pii asan aba Yehowa* wɔn Nyankopɔn nkyɛn.+ 17 Afei nso, ɔde Elia honhom ne ne tumi bɛdi Onyankopɔn anim,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛdane agyanom akoma aba mma so,+ ne asoɔdenfoɔ aba ateneneefoɔ nyansa ho, na wasiesie nkurɔfoɔ bi ama Yehowa.”*+
18 Ɛnna Sakaria bisaa ɔbɔfoɔ no sɛ: “Deɛn na ɛkyerɛ sɛ deɛ woreka yi bɛba mu? Ɛfiri sɛ mabɔ akɔkoraa, na me yere nso anyini paa.” 19 Ɔbɔfoɔ no buaa no sɛ: “Mene Gabriel,+ deɛ ɔgyina Onyankopɔn anim;+ wasoma me sɛ me ne wo mmɛkasa, na menka asɛmpa yi nkyerɛ wo. 20 Hwɛ! wobɛtɔre mum, na worentumi nkasa de kɔsi da a weinom bɛba mu, ɛfiri sɛ woannye me nsɛm anni, nsɛm a ɛbɛba mu wɔ berɛ a wɔahyɛ mu no.” 21 Saa berɛ no nyinaa, na nkurɔfoɔ no retwɛn Sakaria, na ɛyɛɛ wɔn nwanwa sɛ wakyɛ wɔ kronkronbea hɔ saa. 22 Berɛ a ɔbaeɛ no, na ɔntumi ne wɔn nkasa, na wɔhuu sɛ wakɔhunu n’ani so adeɛ* wɔ kronkronbea hɔ. Ɔde ne nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnne kyerɛɛ wɔn, nanso wantumi ankasa. 23 Berɛ a nna a ɔde reyɛ adwuma kronkron* no baa awieeɛ no, ɔfirii hɔ kɔɔ ne fie.
24 Nna bi akyi no, ne yere Elisabet nyinsɛnee. Elisabet de ne ho siee abosome nnum, na ɔkaa sɛ: 25 “Deɛ Yehowa* ayɛ ama me wɔ nna yi mu nie. Watwa n’ani abɛhwɛ me, na wayi m’animguaseɛ afiri hɔ.”*+
26 Berɛ a Elisabet nyinsɛn no dii abosome nsia no, Onyankopɔn somaa ɔbɔfoɔ Gabriel+ kɔɔ Galilea kuro bi a wɔfrɛ no Nasaret mu, 27 na ɔmaa no kɔɔ ɔbaabunu+ bi nkyɛn. Ná wɔde ɔbaabunu no ama Yosef a ɔfiri Dawid fie no sɛ ɔbaa a ɔbɛware no. Ná ɔbaabunu no din de Maria.+ 28 Berɛ a ɔbɔfoɔ no kɔɔ Maria nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ Maria sɛ: “Asomdwoeɛ nka wo, wo a wɔahyira* wo, Yehowa* ka wo ho.” 29 Na asɛm no haa Maria yie, na ɔdwendwenee ho sɛ: “Nkyea bɛn nie?” 30 Enti ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Maria, nsuro, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ayɛ wo adom. 31 Hwɛ! wobɛnyinsɛn, na woawo ɔbabarima,+ na ɛsɛ sɛ woto ne din Yesu.+ 32 Ɔbɛyɛ onipa titire,+ na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoroni no Ba,+ na Yehowa* Nyankopɔn de n’agya Dawid ahennwa bɛma no,+ 33 na ɔbɛdi Yakob fie so hene afebɔɔ, na n’Ahennie remma awieeɛ da.”+
34 Na Maria bisaa ɔbɔfoɔ no sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na wei ayɛ yie, ɛfiri sɛ me ne ɔbarima nnae?”+ 35 Ɛnna ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Honhom kronkron bɛba wo so,+ na Ɔsorosoroni no tumi bɛkata wo so. Ɛno nti, wɔbɛfrɛ deɛ wobɛwo no no kronkron,+ Onyankopɔn Ba.+ 36 Hwɛ! wo busuani Elisabet nso anyinsɛn ɔbabarima wɔ ne mmerewaberɛ mu. Deɛ nkurɔfoɔ se ɔnwo* no, ne bosome nsia mu nie, 37 ɛfiri sɛ asɛm biara nni hɔ a Onyankopɔn aka a, ɛremma mu.”+ 38 Ɛnna Maria kaa sɛ: “Hwɛ! meyɛ Yehowa* abaawa!* Ɛnyɛ hɔ mma me sɛdeɛ woaka no.” Ɛnna ɔbɔfoɔ no firii ne nkyɛn kɔeɛ.
39 Ɛno akyi no, Maria siim de ahoɔherɛ kɔɔ Yuda kuro bi mu wɔ bepɔ so, 40 na ɔkɔɔ Sakaria fie, na ɔkyeaa Elisabet. 41 Berɛ a Elisabet tee Maria nkyea no ara pɛ, abɔfra a ɔhyɛ ne yam no hurii, na honhom kronkron hyɛɛ Elisabet ma, 42 na ɔde nne kɛseɛ teaam sɛ: “Wɔahyira wo sene mmaa nyinaa, na wɔahyira abɔfra a ɔhyɛ wo yam no!* 43 Mene hwan na me Wura maame aba me nkyɛn yi? 44 Hwɛ! berɛ a metee wo nkyea ara pɛ na abɔfra a ɔhyɛ me yam no de anigyeɛ huriiɛ. 45 Anigyeɛ nso ne ɔbaa a wagye adie no, ɛfiri sɛ nsɛm a Yehowa* ama wɔaka akyerɛ no nyinaa bɛba mu.”
46 Ɛnna Maria kaa sɛ: “Me kra* bɛkamfo Yehowa,*+ 47 na me honhom bɛdi ahurisie wɔ m’Agyenkwa Nyankopɔn ho,+ 48 ɛfiri sɛ wahwɛ n’abaawa*+ hianiwaa. Hwɛ! ɛfiri nnɛ, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa bɛka sɛ mewɔ anigyeɛ,+ 49 ɛfiri sɛ Otumfoɔ no ayɛ ade kɛseɛ ama me, na ne din ne kronkron;+ 50 ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so no, ɔhu wɔn a wɔsuro no no mmɔbɔ.+ 51 Ɔde ne basa ayɛ nneɛma akɛseɛ; wɔn a wɔdi ahantansɛm wɔ wɔn akoma mu no, wabɔ wɔn apansam.+ 52 Watu atumfoɔ afiri nhennwa so,+ na wama mmɔborɔwafoɔ so;+ 53 wama nneɛma pa amee wɔn a ɛkɔm de wɔn,+ na wama wɔn a wɔwɔ ahonyadeɛ de nsapan kɔ. 54 Wabɛboa n’akoa Israel, na wakae ne mmɔborɔhunu+ 55 sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ yɛn agyanom sɛ ɔbɛhu Abraham ne n’asefoɔ*+ mmɔbɔ daa no.” 56 Na Maria tenaa Elisabet nkyɛn bɛyɛ abosome mmiɛnsa, na ɔsan kɔɔ ne fie.
57 Elisabet awoɔ duruu so, na ɔwoo ɔbabarima. 58 Berɛ a mpɔtamu hɔfoɔ ne n’abusuafoɔ tee sɛ Yehowa* mmɔborɔhunu adɔɔso wɔ ne so no, wɔne no dii ahurisie.+ 59 Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔbaa sɛ wɔrebɛtwa abɔfra kumaa no twetia,*+ na anka wɔde no reto ne papa Sakaria. 60 Nanso abɔfra no maame kaa sɛ: “Daabi! mmom wɔbɛfrɛ no Yohane.” 61 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo busuani biara nni hɔ a ne din de saa.” 62 Enti wɔde wɔn nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnne bisaa ne papa sɛdeɛ ɔpɛ sɛ wɔfrɛ no. 63 Ɛnna ɔgyee biribi* twerɛɛ so sɛ: “Ne din de Yohane.”+ Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwanwa. 64 Ɛhɔ ara na n’ano bueeɛ, na ne kɛtrɛma yɛɛ yie ma ɔfirii aseɛ kasae,+ na ɔhyiraa Onyankopɔn. 65 Ehu kaa wɔn a wɔte mpɔtamu hɔ nyinaa, na wɔfirii aseɛ kaa weinom nyinaa ho asɛm wɔ Yudea mmepɔ so nkuro nyinaa mu. 66 Na wɔn a wɔteeɛ nyinaa dwendwenee ho sɛ: “Deɛn koraa na abɔfra kumaa yi bɛyɛ?” Ɛfiri sɛ na Yehowa* di n’akyi.*
67 Na honhom kronkron hyɛɛ ne papa Sakaria ma, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: 68 “Ayeyie nka Israel Nyankopɔn Yehowa,*+ ɛfiri sɛ watwa n’ani abɛhwɛ ne nkurɔfoɔ, na wagye wɔn.+ 69 Wapagya nkwagyeɛ abɛn*+ wɔ n’akoa Dawid+ fie ama yɛn, 70 sɛdeɛ ɔnam n’adiyifoɔ kronkron a wɔtenaa ase tete no so aka sɛ+ 71 ɔbɛgye yɛn afiri yɛn atamfo ne wɔn a wɔkyiri yɛn nyinaa nsam,+ 72 sɛ ɔbɛhu yɛn agyanom mmɔbɔ na wakae n’apam+ kronkron no, 73 ntam a ɔkaa yɛn agya Abraham sɛ,+ 74 sɛ ɔgye yɛn firi atamfo nsam a, yɛbɛnya kwan asom no a yɛrensuro, 75 na yɛde nokorɛdie ne tenenee bɛsom no wɔ n’anim, yɛn nkwa nna nyinaa no. 76 Na wo abɔfra kumaa yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no diyifoɔ, ɛfiri sɛ wobɛdi Yehowa* anim akɔsiesie n’akwan,+ 77 na woama ne nkurɔfoɔ anya nimdeɛ sɛ, ɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn+ na wagye wɔn nkwa, 78 yɛn Nyankopɔn mmɔborɔhunu nti. Saa mmɔborɔhunu yi nti, adekyeeɛ hann firi soro bɛpue yɛn so, 79 ama wɔn a wɔtete sum ne owuo sunsum mu+ no anya hann, na agye yɛn taataa akɔ asomdwoeɛ kwan so.”
80 Na abɔfra kumaa no nyinii, na Onyankopɔn honhom nti, ɔyɛɛ den,* na ɔtenaa serɛ so kɔsii da a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ Israel.