B1
Asɛntitire a Ɛwɔ Bible Mu
Yehowa Nyankopɔn na ɔfata sɛ ɔdi yɛn so. Ne tumidie yɛ kyɛn tumidie foforɔ biara. Deɛ enti a ɔbɔɔ asaase ne nnipa no bɛba mu.
Afe 4026 A.Y.B. akyi “Ɔwɔ” no kekaa nsɛm bi de kyerɛɛ sɛ ɛkwan a Yehowa fa so di tumi no nyɛ papa, na ɔmfata sɛ ɔdi yɛn so. Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma ‘aseni’ anaa ‘aba’ bi abɛbɔ ɔwɔ no, kyerɛ sɛ, Satan ti. (Genesis 3:1-5, 15, aseɛ hɔ asɛm) Nanso Yehowa gyaee nnipa sɛ wɔnni wɔn ho so kɔsi sɛ saa berɛ no bɛso. Enti nnipa bɛhyɛɛ ɔwɔ no ase. |
Afe 1943 A.Y.B. Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ n’abusua mu na ‘aseni’ a ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛba no bɛfiri aba. —Genesis 22:18. |
Afe 1070 A.Y.B. akyi Yehowa maa Ɔhene Dawid awerɛhyɛmu sɛ, n’abusua mu na ‘aseni’ a ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛba no bɛfiri aba. Akyire yi, ɔkaa asɛm korɔ no ara kyerɛɛ Dawid ba Solomon.—2 Samuel 7:12, 16; 1 Ahene 9:3-5; Yesaia 9:6, 7. |
Afe 29 Y.B. Yehowa maa nnipa huu sɛ Yesu ne ‘aseni’ a ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛba no, na ɔno na ɔbɛdi Dawid adeɛ. —Galatifoɔ 3:16; Luka 1:31-33; 3:21, 22. |
Afe 33 Y.B. Ɔwɔ a ɔne Satan no kaa ‘aseni’ no hyɛɛ kakra, kyerɛ sɛ, ɔkum Yesu. Yehowa nyanee Yesu maa no kɔɔ soro, na afɔreɛ a ɛsom bo a Yesu de ne nipadua a bɔne biara nni ho bɔeɛ no, n’Agya gye toom. Ɛno abue bɔnefakyɛ ne daa nkwa ho kwan ama Adam asefoɔ. —Genesis 3:15; Asomafoɔ Nnwuma 2:32-36; 1 Korintofoɔ 15:21, 22. |
Bɛyɛ afe 1914 Y.B. Yesu too ɔwɔ a ɔne Satan no too asaase so sɛ ɔnni ne nna kakra a aka no wɔ so.—Adiyisɛm 12:7-9, 12. |
Daakye Yesu de Satan bɛto afiase mfeɛ 1,000 na afei wasɛe no, kyerɛ sɛ, ɔbɛpɛkyɛ ne ti. Deɛ enti a Yehowa bɔɔ asaase ne nnipa no bɛba mu. Ne din a wɔasɛe no no ho bɛte, na obiara bɛhu sɛ ne tumidie na ɛyɛ papa.—Adiyisɛm 20:1-3, 10; 21:3, 4. |