ASƐMMISA 2
Wobɛyɛ dɛn asua Onyankopɔn ho adeɛ?
“Mma Mmara nwoma yi mmfiri w’anom, na mmom kenkan na dwendwene ho awia ne anadwo na woadi deɛ wɔatwerɛ wom nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Woyɛ saa a, ɛbɛsi wo yie na woayɛ w’adeɛ nyansam.”
“Wɔtoaa so kenkan nokorɛ Nyankopɔn no Mmara nwoma no den, na wɔkyerɛkyerɛɛ mu maa emu daa hɔ fann, na wɔboaa ɔman no maa wɔtee deɛ wɔrekenkan no ase.”
“Anigyeɛ ne onipa a ɔmfa abɔnefoɔ afotuo mmɔ ne bra, . . . mmom n’ani gye Yehowa mmara ho, na ɔkenkan Ne mmara no dwendwene ho awia ne anadwo. . . . Deɛ ɔyɛ biara bɛwie yie.”
“Filipo tuu mmirika kɔɔ ho, na ɔtee sɛ ɔrekenkan odiyifoɔ Yesaia nwoma no den. Ɛnna ɔbisaa no sɛ: ‘Wote deɛ worekenkan no ase?’ Ɔkaa sɛ: ‘Sɛ obi ankyerɛ me a, mɛyɛ dɛn atumi ate aseɛ?’”
“Ne suban ahodoɔ a nnipa ntumi nhunu, a ɛno ne ne tumi a ɛwɔ hɔ daa ne Onyankopɔn ko a ɔyɛ no, ada adi pefee firi berɛ a ɔbɔɔ wiase, na wɔnam nneɛma a wayɛ so na ɛhunu, enti wɔnni anoyie biara.”
“Dwendwene weinom ho; fa w’adwene nyinaa si so, na ama nnipa nyinaa ahu wo nkɔsoɔ.”
“Momma obiara nnwene ne yɔnko ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛkanyan ne yɔnko ama no ada ɔdɔ adi na wayɛ nnwuma pa. Na mommma yɛnnnyae sɛ yɛne yɛn ho bɛhyiam.”
“Sɛ mo mu bi hia nyansa a, ma no nkɔ so mmisa Onyankopɔn, na ɔde bɛma no, ɛfiri sɛ ɔyi ne yam kyɛ nnipa nyinaa adeɛ a animtiabuo biara nnim.”