ASƐMMISA 1
Hwan ne Onyankopɔn?
“Ma nnipa nhu sɛ wo a wo din de Yehowa no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni a ɔdi asaase nyinaa so.”
“Monhu sɛ Yehowa ne Onyankopɔn. Ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne dea.”
“Mene Yehowa. Me din ne no; meremfa m’animuonyam mma obiara, na m’ayeyie nso, meremfa mma ahoni.”
“Obiara a ɔbɛbɔ Yehowa din afrɛ no no, ɔbɛnya nkwa.”
“Deɛ ɛwom ne sɛ, efie biara obi na ɔsi, na deɛ ɔyɛɛ nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.”
“Momma mo ani so nhwɛ soro, na monhwɛ. Hwan na ɔbɔɔ weinom nyinaa? Ɔno ne Deɛ ɔdi wɔn anim de wɔn pue sɛ asraafoɔ; ɔkan wɔn nyinaa, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn. Ɛsiane n’ahoɔden pii ne ne tumi a ɛyɛ hu nti, wɔn mu baako mpo nyera.”