Yesaia
42 Hwɛ! M’akoa+ a mekura ne mu dendeenden!
Deɛ mayi no+ na magye no atom!*+
Ɔde nokorɛdie bɛbu atɛntenenee.+
5 Yehowa ne nokorɛ Nyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro.
Ɔno ne Opumpuni a ɔtwee mu.+
Ɔno na ɔtrɛɛ asaase ne ɛso nneɛma mu.+
Ɔde home ma nnipa a wɔte so,+
Na ɔde honhom ma wɔn a wɔnam so no.+ Deɛ waka nie:
6 “Me, Yehowa, mafrɛ wo tenenee mu,
Na masɔ wo nsa.
Na woayi nneduafoɔ afiri afiase,
Na woayi wɔn a wɔte sum mu afiri afiase.+
9 Hwɛ, deɛ ɛdi kan no aba mu;
Afei mereka nsɛm foforɔ.
Mereka ho asɛm akyerɛ mo ansa na aba.”+
10 Monto dwom foforɔ mma Yehowa,+
Monyi no ayɛ mfiri asaase ano,+
Mo a monam po so ne deɛ ɛwom nyinaa,
Nsupɔ ne mo a motete so.+
Momma wɔn a wɔtete abotan mu nni ahurisie;
Momma wɔnteam dendeenden mfiri mmepɔ atifi.
13 Yehowa bɛpue sɛ ɛko mu katakyie.+
Ɔbɛkanyan ne ho sɛ ɔsabarima.+
Ɔbɛteam, ɔbɛteam dendeenden;
Ɔbɛkyerɛ sɛ ne ho yɛ den sene n’atamfo.+
14 “Mayɛ komm akyɛ.
Memuaa m’ano, na mehyɛɛ me ho so.
Afei mɛpene sɛ ɔbaa a ɔrewo,
Mɛhome hahyeehahyee, na matwe mframa; mɛyɛ ne nyinaa prɛko pɛ.
15 Mɛsɛe mmepɔ ne nkokoɔ,
Na mɛma ɛso afifideɛ nyinaa ahye.
Esum a ɛda wɔn anim no, mɛma adane hann,+
Na baabi a ɛhɔ yɛ mmonkyimmɔnka no, mɛma adane asaasetraa.+
Wei na mɛyɛ ama wɔn, na merennya wɔn.”
17 Wɔn a wɔde wɔn ho to ahoni a wɔasene so,
Wɔn a wɔka kyerɛ dadeɛ ahoni* sɛ: “Mone yɛn anyame”+ no,
Wɔbɛma wɔasan wɔn akyi, na wɔn ani bɛwu pɔtɔɔ.
19 Hwan na n’ani afira sene m’akoa,
Na n’aso asi sene deɛ mesoma no no?
Hwan na n’ani afira sene deɛ wɔatua no ka,
Na n’ani afira sene Yehowa akoa?+
20 Wohunu nneɛma pii, nanso wonhwɛ.
Wobue w’aso, nanso wontie.+
22 Nanso wɔyɛ nnipa a nkurɔfoɔ afom wɔn de wɔn kɔ;+
Wɔn nyinaa aka ntokuro mu, na wɔde wɔn asie afiase.+
Wɔafom wɔn de wɔn kɔ, na ɔgyefoɔ biara nni hɔ;+
Wɔafom wɔn de wɔn kɔ, na obiara nni hɔ a ɔbɛka sɛ: “Momfa wɔn mmra!”
23 Mo mu hwan na ɔbɛtie asɛm yi?
Hwan na ɔbɛwɛn n’aso atie deɛ wɔbɛka no akyire yi?
24 Hwan na ɔmaa kwan maa wɔfom Yakob nneɛma,
Na ɔde Israel hyɛɛ nkurɔfoɔ a wɔfom nneɛma no nsa?
Ɛnyɛ Yehowa, Deɛ yɛayɛ no bɔne no?
Na ɛhyee biribiara a atwa ne ho ahyia, nanso wanhunu;+
Ɛhyee no, nanso wamfa ansie n’akomam.+