Deɛ Ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Mu
Asɛm a Onyankopɔn pɛ sɛ ɔka kyerɛ yɛn nnɛ no, ɛno na ɛwɔ Bible mu no. Ɛkyerɛ yɛn sɛdeɛ yɛbɛbɔ yɛn bra ama no asi yɛn yie, na ɛma yɛhunu deɛ yɛyɛ a Onyankopɔn ani bɛgye yɛn ho. Afei nso, ɛma yɛnya nsɛmmisa a ɛdidi so yi ho mmuaeɛ:
SƐ WOREPƐ BIBLE NKYEKYƐMU BI A, WOBƐYƐ DƐN AHUNU?
Nwoma nketewa 66 na ɛka bom yɛ Bible no. Wɔakyɛ mu ayɛ no afã mmienu: Hebri ne Aram Twerɛnsɛm (“Apam Dada”) ne Greek Twerɛnsɛm (“Apam Foforɔ”). Bible mu nwoma biara, wɔakyekyɛm ayɛ no ti ahodoɔ ne nkyekyɛmu ahodoɔ. Sɛ wɔtwerɛ twerɛsɛm bi a, nɔma a ɛdi nwoma no din akyi no yɛ nwoma no ti, na nɔma a ɛdi hɔ no yɛ nkyekyɛmu. Ɛho nhwɛsoɔ nie. Genesis 1:1 kyerɛ Genesis ti 1, nkyekyɛmu 1.