ASƐMMISA 16
Wobɛyɛ dɛn na adwendwene anhyɛ wo so?
“Dane w’adesoa to Yehowa so, na ɔbɛboa wo. Ɔremma ɔteneneeni nhwe ase da.”
“Nsiyɛfoɔ nhyehyɛeɛ bɛwie yie, na obiara a ɔpere ne ho deɛ, ohia na ɛbɛhia no.”
“Nsuro, ɛfiri sɛ meka wo ho. Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, ɛfiri sɛ mene wo Nyankopɔn. Mɛhyɛ wo den, aane, mɛboa wo, mede me tenenee nsa nifa bɛsɔ wo mu dendeenden.”
“Mo mu hwan na sɛ ɔdwendwene a ɔbɛtumi de basafa baako aka ne nkwa nna ho?”
“Enti ɛnsɛ sɛ modwendwene ɔkyena ho da, ɛfiri sɛ ɔkyena ankasa bɛnya ne dadwene. Ɛda biara wɔ ɛno ankasa haw a ɛdɔɔso ma no.”
‘Monhwehwɛ mu nhu nneɛma a ɛhia paa no.’
“Mommma dadwene nnhyɛ mo so wɔ biribiara mu. Mmom adeɛ nyinaa mu no, momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ ne aseda nkɔ Onyankopɔn anim mfa mo adesrɛ nto n’anim; na Onyankopɔn asomdwoeɛ a ɛboro nteaseɛ nyinaa so no nam Kristo Yesu so bɛbɔ mo akoma ne mo adwene ho ban.”