Yesaia
Momma wɔmmra; afei momma wɔnkasa.+
Momma yɛnhyia nni asɛm.
2 Hwan na wanyane obi afiri apueeɛ,*+
Na ɔde tenenee afrɛ no aba Ne nan ase,*
Sɛ ɔde amanaman bɛhyɛ ne nsa,
Na wama no abrɛ ahemfo ase?+
Hwan na ɔde ne sekan ama wɔayɛ sɛ mfuturo,
Na n’agyan ayɛ wɔn sɛ ntɛtɛ a mframa ahuo?
3 Ɔti wɔn, na biribiara nsi no kwan
Wɔ akwan a ne nan nsii so da so.
4 Hwan na wakeka ne ho ayɛ wei?
Hwan na wafrɛ awoɔ ntoatoasoɔ mmaako mmaako firi mfitiaseɛ?
5 Nsupɔ ahunu, na wɔasuro.
Asaase afanan nyinaa firii aseɛ wosoe.
Wɔtwe bɛn, wɔba wɔn anim.
6 Obiara boa ne yɔnko,
Na obiara ka kyerɛ ne nua sɛ: “Hyɛ wo ho den.”
7 Enti odwumfoɔ hyɛ ɔtomfoɔ den;+
Deɛ ɔde hamma* bobɔ dadeɛ so ma ɛyɛ tratra no
Hyɛ deɛ ɔbɔ ɔtommoɔ* so no den.
Ɔka nnadeɛ a wɔasosɔ abom no ho asɛm sɛ: “Ɛyɛ.”
Afei wɔde nnadewa bobom na anhwe fam.
8 “Na wo, O Israel, woyɛ m’akoa,+
Wo, O Yakob, wo na mayi wo,+
9 Wo a mefaa wo firii asaase ano baeɛ,+
Wo a mefrɛɛ wo firii n’ahyeɛ so akyirikyiri.
10 Nsuro, ɛfiri sɛ meka wo ho.+
Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, ɛfiri sɛ mene wo Nyankopɔn.+
Mɛhyɛ wo den, aane, mɛboa wo,+
Mede me tenenee nsa nifa bɛsɔ wo mu dendeenden.’
11 Hwɛ! Wɔn a wɔn bo afu wo nyinaa bɛfɛre na wɔn anim agu ase.+
Wɔn a wɔne wo ko no, wɔbɛbrɛ wɔn ase na wɔahye wɔn ase.+
12 Mmarima a wɔne wo di aperepereɛ no, wobɛhwehwɛ wɔn nanso worenhu wɔn;
Mmarima a wɔne wo ko no bɛyɛ sɛ biribi a ɛnni hɔ, adehunu bi.+
13 Ɛfiri sɛ me, Yehowa wo Nyankopɔn, mekura wo nsa nifa mu.
Me na meka kyerɛ wo sɛ, ‘Nsuro. Mɛboa wo.’+
Israel mmarima, mɛboa mo,” mo Gyefoɔ Yehowa,+ Israel Kronkronni no asɛm nie.
15 “Hwɛ! Mayɛ wo afidie a wɔde poro hwiit,+
Ade foforɔ a wɔde poro hwiit a ɛse wɔ animu ne akyire nyinaa.
Wobɛtiatia mmepɔ so ama abubu pasaa,
Na woama nkokoɔ ayɛ sɛ ntɛtɛ.
17 “Abrɛfoɔ ne ahiafoɔ rehwehwɛ nsuo, nanso ebi nni hɔ.
Sukɔm nti, wɔn kɛtrɛma so awo.+
Me, Yehowa, mɛgye wɔn so.+
Me, Israel Nyankopɔn, merennya wɔn.+
Asaase pradadaa so na mɛdua papao dua,
Ne ɔsɛsɛ dua ne kwabɔhorɔ dua,+
20 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa nyinaa bɛhunu na wɔate aseɛ,
Na wɔatie na wɔahunu sɛ
Yehowa nsa na ayɛ wei,
Na Israel Kronkronni no na wabɔ.”+
21 “Momfa mo asɛm mmɛto dwa,” Yehowa na aka.
“Momfa mo adanseɛ mmra,” Yakob Hene asɛm nie.
22 “Momfa adanseɛ mmra na monkyerɛ yɛn deɛ ɛbɛsie.
Nneɛma a ɛreba no nso, monka mma yɛntie.+
Aane, monyɛ biribi, papa anaa bɔne,
Na sɛ yɛhunu a, yɛn ho adwiri yɛn.+
Obiara a ɔbɛyi mo no yɛ akyiwadeɛ.+
26 Hwan na ɔkaa wei ho asɛm firii mfitiaseɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a anka yɛbɛtumi ahunu?
Hwan na ɔkaa biribi firii tete, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a anka yɛbɛtumi aka sɛ, ‘Ɔyɛ nokwafoɔ’?+
Nokwasɛm ne sɛ, obiara nni hɔ a ɔde too dwa!
Obiara nni hɔ a ɔkaeɛ!
Obiara ante biribiara amfiri mo hɔ!”+
27 Me na medii kan ka kyerɛɛ Sion sɛ: “Hwɛ! Wɔn nie!”+
Na mɛsoma obi a ɔkura asɛmpa akɔ Yerusalem.+
28 Na mehwɛe ara, nso manhunu obiara.
Wɔn mu biara nso nni hɔ a na ɔbɛtu fo.
Na mekae ara sɛ wɔmma me mmuaeɛ.
29 Hwɛ! Wɔn nyinaa yɛ biribi a ɛnni hɔ.
Wɔn nnwuma yɛ adehunu.