-
Esra 1:1, 2Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
1 Persia hene Kores+ afe a ɛdi kan mu no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yehowa asɛm a ɔnam Yeremia so kaeɛ no+ bɛba mu nti, Yehowa kanyan Persia hene Kores* maa no bɔɔ dawuro wɔ n’ahennie nyinaa mu, na ɔsan twerɛɛ+ sɛ:
2 “Sɛdeɛ Persia hene Kores seɛ nie, ‘Yehowa, ɔsoro Nyankopɔn no, de asaase so ahennie nyinaa ama me,+ na waka akyerɛ me sɛ mensi fie mma no wɔ Yerusalem+ a ɛwɔ Yuda.
-
-
Yesaia 40:9Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
Ma wo nne so dendeenden,
Ɔbaa a wode asɛmpa reba Yerusalem.
Ma so, nsuro.
Ka kyerɛ Yuda nkuro sɛ: “Mo Nyankopɔn nie.”+
-