ASƐMMISA 5
Asɛm bɛn paa na ɛwɔ Bible mu?
“Mede ɔtan bɛto wo ne ɔbaa no ntam ne w’aseni ne n’aseni ntam. Ɔno na ɔbɛpɛkyɛ wo ti na wo nso wobɛka ne nantin.”
“Ɛnam w’aseni so na asaase so aman nyinaa bɛnya nhyira, ɛfiri sɛ woatie me nne.”
“W’Ahennie mmra. W’apɛdeɛ nyɛ hɔ wɔ asaase so te sɛ ɔsoro.”
“Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn a ɔma asomdwoeɛ no bɛpɛkyɛ Satan wɔ mo nan ase.”
“Sɛ ɔnya de nneɛma nyinaa gu ne nan ase a, afei Ɔba no ankasa nso de ne ho bɛhyɛ Deɛ ɔde nneɛma nyinaa guu ne nan ase no ase, na Onyankopɔn ayɛ adeɛ nyinaa ama obiara.”
“Abraham ne n’aseni [kyerɛ sɛ, Kristo] na wɔhyɛɛ wɔn bɔ. . . . Bio nso, sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnneɛ na moyɛ Abraham asefoɔ ampa.”
“Wiase ahennie ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no Ahennie, na ɔbɛdi hene daa daa.”
“Enti wɔtoo ɔwɔ kɛseɛ a ne ho yɛ hu no twenee fam, ɔwɔ dada no, deɛ wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan, a ɔredaadaa asaase sofoɔ nyinaa no; wɔtoo no twenee asaase so, na wɔtoo n’abɔfoɔ kaa ne ho guiɛ.”
“Ɔkyee ɔwɔ a ne ho yɛ hu no, ɔwɔ dada no, deɛ wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan no, na ɔkyekyeree no mfeɛ 1,000.”