ASƐMMISA 17
Ɛkwan bɛn so na Bible bɛtumi aboa w’abusua?
OKUNUNOM/AGYANOM
“Saa ara na ɛsɛ sɛ okununom dɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ara wɔn nipadua. Deɛ ɔdɔ ne yere no dɔ ne ho, na onipa biara ntan ɔno ara ne nipadua; mmom ɔhwɛ so yie na n’ani ku ho . . . Mo mu biara nnɔ ne yere sɛ ne ho.”
“Agyanom . . . , monnhyɛ mo mma abufuo, na mmom monkɔ so ntete wɔn Yehowa ntenesoɔ ne ne kasakyerɛ mu.”
ƆYERENOM
“Ɔyere deɛ, ɔnnya obuo kɛseɛ mma ne kunu.”
“Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom, sɛdeɛ ɛsɔ Awurade ani.”
MMA
“Mma, montie mo awofoɔ asɛm sɛdeɛ Awurade pɛ, na wei na ɛtene. ‘Di wo papa ne wo maame ni’; wei ne mmara a ɛdi kan a bɔhyɛ yi ka ho: ‘Ɛbɛsi wo yie, na woatena ase akyɛ wɔ asaase so.’”
“Mma, montie mo awofoɔ asɛm adeɛ nyinaa mu, na wei na ɛsɔ Awurade ani.”