ASƐMMISA 18
Ɛdeɛn na woyɛ a ɛbɛma woabɛn Onyankopɔn?
“O mpaebɔ Tiefoɔ, wo nkyɛn na nnipa a wɔfiri mmaa nyinaa bɛba.”
“Fa w’akoma nyinaa to Yehowa so, na mfa wo ho nto wo ankasa wo nteaseɛ so. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔbɛma w’akwan atene.”
“Sɛ obi bɛnya daa nkwa a, ɛsɛ sɛ ɔhu wo a woyɛ nokorɛ Nyankopɔn koro pɛ no, na ɔhu Yesu Kristo a wosomaa no no nso.”
“Nokwasɛm ne sɛ [Onyankopɔn ne] yɛn mu biara ntam nware.”
“Me mpaebɔ ne sɛ mo dɔ nkɔ so nyɛ kɛse, na monnya nokorɛ nimdeɛ ne nteaseɛ a ɛkɔ akyiri nso.”
“Sɛ mo mu bi hia nyansa a, ma no nkɔ so mmisa Onyankopɔn, na ɔde bɛma no, ɛfiri sɛ ɔyi ne yam kyɛ nnipa nyinaa adeɛ a animtiabuo biara nnim.”
“Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo. Mo abɔnefoɔ, monhohoro mo nsa; mo a mo adwene nsi mo pi, monte mo akomam.”
“Deɛ Onyankopɔn dɔ kyerɛ nie: Ɛno ne sɛ yɛbɛdi n’ahyɛdeɛ so; na n’ahyɛdeɛ nyɛ adesoa.”