ASƐMMISA 11
Sɛ obi wu a, ɛdeɛn na ɛto no?
“Ne honhom firi ne mu, na ɔsan kɔ dɔteɛ mu; da no ara, ne nsusuiɛ yera.”
“Ateasefoɔ nim sɛ wɔbɛwuwu, na awufoɔ deɛ, wɔnnim biribiara . . . Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden nyinaa yɛ, ɛfiri sɛ adwuma ne nhyehyɛeɛ ne nimdeɛ ne nyansa biara nni Adamena mu a worekɔ no.”
“[Yesu ka] kaa ho sɛ: ‘Yɛn adamfo Lasaro ada, na merekɔ hɔ akɔnyane no.’ Yesu deɛ, ne wuo ho asɛm na na ɔreka. Nanso na wɔn adwene yɛ wɔn sɛ nna ankasa ho asɛm na ɔreka. Enti afei deɛ, Yesu ka kyerɛɛ wɔn pen sɛ: ‘Lasaro awu.’”