ASƐMMISA 10
Ɛdeɛn na Bible aka afa yɛn daakye ho?
“Ateneneefoɔ na asaase no bɛyɛ wɔn dea, na wɔbɛtena so daa.”
“Asaase deɛ, ɛwɔ hɔ daa.”
“Ɔbɛmene owuo afebɔɔ, na Awurade Tumfoɔ Yehowa bɛpepa obiara anim nisuo.”
“Saa berɛ no, anifirafoɔ ani bɛbue, na wɔn a wɔn aso asi aso ate asɛm. Saa berɛ no, apakye bɛhuri sɛ wansan, na mum kɛtrɛma de anigyeɛ abɔ ose. Nsuo bɛtue serɛ so, na nsubɔnten asene asaase pradadaa so.”
“Ɔbɛpepa wɔn aniwa mu nisuo nyinaa, na owuo nni hɔ bio, na awerɛhoɔ ne esu ne yea nso nni hɔ bio. Kane nneɛma no atwam.”
“Wɔbɛsisi adan atena mu, na wɔayeyɛ bobefuo adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi foforɔ mmɛtena mu, na wɔrennua mma obi mmɛdi. Ɛfiri sɛ me man nna bɛyɛ sɛ dua nna, na wɔn a mayi wɔn no bɛdi wɔn nsa ano adwuma amee.”