Yesaia
Ɔman a wɔammɔ me din no, meka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Menie, menie!’+
2 Matrɛ me nsam da mu nyinaa ama ɔman asoɔdenfoɔ,+
Wɔn a wɔnam kwammɔne so+
A wɔdi wɔn ankasa adwene akyi;+
3 Ɔman a wɔgyina m’anim daa hyɛ me abufuo,+
Na wɔbɔ afɔreɛ wɔ nturo mu,+ na wɔhye afɔrebɔdeɛ wɔ birikisi so.
Weinom yɛ wisie wɔ me hwenem, egya a ɛdɛre daa.
6 Hwɛ! Wɔatwerɛ wɔ m’anim;
Merentena hɔ komm,
Na mmom mɛtua wɔn ka,+
Mede wɔn akatua nyinaa bɛma wɔn.*
7 Mɛtua wɔn bɔne ne wɔn agyanom bɔne so ka,”+ Yehowa na aka.
“Ɛsiane sɛ wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ mmepɔ so,
Na wɔguu me ho fĩ wɔ nkokoɔ so+ nti,
Mɛdi kan asusu wɔn akatua nyinaa ama wɔn.”*
8 Asɛm a Yehowa aka nie:
Saa ara na me nkoa nti mɛyɛ;
Merensɛe wɔn nyinaa.+
9 Mede aseni* bi bɛfiri Yakob mu aba,
Na Yuda mu na mɛyi deɛ me mmepɔ bɛyɛ ne dea;+
Wɔn a mayi wɔn no bɛfa,
Na me nkoa atena hɔ.+
Na Akor Bɔn*+ ayɛ anantwie ahomegyebea
Ama me nkurɔfoɔ a wɔhwehwɛ me no.
11 Nanso moka wɔn a wɔagya Yehowa hɔ no ho,+
Wɔn a wɔn werɛ afi me bepɔ kronkron no,+
Wɔn a wɔto pono ma onyame a ɔma nkurɔfoɔ tiri yɛ yie
Ne wɔn a wɔhyɛ nsã* a wɔafrafra wɔ kuruwa mu ma Nkrabea nyame.
Na mo nyinaa mobɛkoto ama wɔaku mo,+
Ɛfiri sɛ mefrɛe, nanso moannye so,
Mekasae, nanso moantie;+
Mokɔɔ so yɛɛ bɔne wɔ m’ani so,
Na mopaw deɛ m’ani nnye ho.”+
13 Wei nti, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:
“Hwɛ! Me nkoa bɛdidi, na mo deɛ, ɛkɔm bɛde mo.+
Hwɛ! Me nkoa bɛnya nsuo anom,+ na mo deɛ, sukɔm bɛde mo.
Hwɛ! Me nkoa ani bɛgye,+ na mo deɛ, mo ani bɛwu.+
14 Hwɛ! Akoma mu anigyeɛ nti, me nkoa bɛdi ahurisie,
Na mo deɛ, akoma mu yea nti, mobɛsu,
Na honhom a abubuo nti, mobɛsu ateatea mu.
15 Mobɛgya din, na wɔn a mayi wɔn no de bɛka ntam,
Na Awurade Tumfoɔ Yehowa bɛkunkum mo mmaako mmaako,
Na ɔno ara ne nkoa deɛ, ɔde din foforɔ bɛfrɛ wɔn,+
16 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara a ɔhwehwɛ nhyira wɔ asaase so no,
Nokorɛ* Nyankopɔn no bɛhyira no.
Na obiara a ɔka ntam wɔ asaase so no,
Na wɔrenkae kane amanehunu no;
M’ani renhunu bio.+
17 Na hwɛ! Merebɔ ɔsoro foforɔ ne asaase foforɔ;+
Na wɔrenkae kane nneɛma no bio,
Na ɛremma akomam bio.+
18 Enti monni ahurisie na momma mo ani nnye daa, adeɛ a merebɔ no nti.
Na hwɛ! Merebɔ Yerusalem ama ɛde anigyeɛ aba,
Na merebɔ emufoɔ ama wɔde ahurisie aba.+
19 M’ani bɛgye Yerusalem ho na madi me man ho ahurisie;+
Wɔrente sɛ obi resu anaa obi rebɔ bena wɔ mu bio.”+
20 “Wɔrenhunu akɔkoaa a wannyini ankyɛ bio,
Anaa akɔkoraa a wanni ne nna anwie.
Sɛ obi di mfeɛ ɔha na ɔwu a, wɔbɛbu no sɛ ɔyɛ abarimaa.
Na ɔbɔnefoɔ deɛ, sɛ ɔdi mfeɛ ɔha mpo a, wɔbɛdome no.*
22 Wɔrensisi adan mma obi foforɔ mmɛtena mu,
Na wɔrennua mma obi mmɛdi.
Ɛfiri sɛ me man nna bɛyɛ sɛ dua nna,+
Na wɔn a mayi wɔn no bɛdi wɔn nsa ano adwuma amee.
23 Wɔrenyɛ adwuma* mmrɛ ngu kwa,+
Na mma a wɔbɛwo wɔn no, mmusuo renka wɔn,
Ɛfiri sɛ wɔyɛ mma* a Yehowa ahyira wɔn,+
Wɔne wɔn asefoɔ.+
24 Ansa na wɔbɛfrɛ mpo, na magye so;
Na wɔgu so rekasa no, mɛtie.
25 Pataku ne odwan ba bɛbom adidi,
Na gyata awe wura sɛ nantwie,+
Na ɔwɔ deɛ, dɔteɛ na ɛbɛyɛ n’aduane.
Wɔrenyɛ bɔne, na wɔrensɛe adeɛ, me bepɔ kronkron no nyinaa so,”+ Yehowa na aka.