Deuteronomium 31:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Na menim sɛ moyɛ atuatefoɔ+ na mo aso yɛ den.*+ Ɛnnɛ a mete aseɛ mpo na mote Yehowa so atua saa yi, ɛnneɛ mewu a, mennim deɛ mobɛyɛ! Nehemia 9:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Ɛyɛ a wobɔ wɔn kɔkɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛsan aba wo Mmara ho, nanso wɔdi ahantansɛm na wɔntie w’ahyɛdeɛ;+ na w’atemmusɛm nso, wɔbu so yɛ bɔne; ɛno nso na sɛ obi di so a, ɔnam so nya nkwa.+ Wɔantie, na mmom wɔyɛɛ asoɔden sensenee wɔn kɔn. Sakaria 7:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Nanso wɔantie,+ na wɔyɛɛ asoɔden,*+ na wɔsisii wɔn aso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrente.+
27 Na menim sɛ moyɛ atuatefoɔ+ na mo aso yɛ den.*+ Ɛnnɛ a mete aseɛ mpo na mote Yehowa so atua saa yi, ɛnneɛ mewu a, mennim deɛ mobɛyɛ!
29 Ɛyɛ a wobɔ wɔn kɔkɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛsan aba wo Mmara ho, nanso wɔdi ahantansɛm na wɔntie w’ahyɛdeɛ;+ na w’atemmusɛm nso, wɔbu so yɛ bɔne; ɛno nso na sɛ obi di so a, ɔnam so nya nkwa.+ Wɔantie, na mmom wɔyɛɛ asoɔden sensenee wɔn kɔn.