-
Leviticus 26:3-5Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
3 “‘Sɛ mokɔ so di m’ahyɛdeɛ ne me mmara so na moyɛ ne nyinaa a,+ 4 me nso mɛma nsuo atɔ wɔ ne berɛ mu,+ na asaase no bɛma ne nnɔbaeɛ,+ na wuram nnua aso aba pii. 5 Mobɛporo mo hwiit ara kɔsi berɛ a mobɛtete bobe aba, na mobɛtete bobe aba ara kɔsi berɛ a mobɛdua adeɛ bio; mobɛdidi amee na moatena mo asaase so dwoodwoo.+
-