2 Samuel
4 Bere a Saul ba+ no tee sɛ Abner awu wɔ Hebron+ no, ne nsam gowee,+ na Israelfo nyinaa nso yɛɛ basaa. 2 Ná Saul ba no wɔ afowfo+ so asahene baanu bi, obiako din de Baanah, na obiako nso din de Rekab; wɔyɛ Beerotni Rimon, Benyamin aseni no mma. Ná wɔfa Beerot+ sɛ ɛka Benyamin asase ho. 3 Na Beerotfo no guan kɔɔ Gitaim,+ na wɔkɔyɛɛ ahɔho wɔ hɔ de besi nnɛ.
4 Ná Saul ba Yonatan+ wɔ ɔbabarima bi a ɔyɛ obubuafo.+ Nea ɛbae ne sɛ, bere a wofi Yesreel+ bɛkaa nea ato Saul ne Yonatan no, na wadi mfe anum, na ɔbea a ɔhwɛ no no faa no sɛ ɔde no reguan. Bere a ɔbea no de ahopopo reguan no, abofra no hwee fam, na obubui. Ne din de Mefiboset.+
5 Ɛnna Beerotni Rimon mma Rekab ne Baanah siim kɔɔ Is-Boset+ fie owigyinae; nso na wada awianna. 6 Na wɔkɔɔ ofie no mfinimfini yɛɛ wɔn ho sɛ mmarima a wɔrepɛ awi, na wɔde ade wɔɔ ne yam.+ Na Rekab ne ne nua Baanah+ guanee a obiara anhu wɔn. 7 Bere a wɔkɔɔ ofie hɔ no, na ɔda ne mpa so wɔ pia mu, na wɔde ade kɔwɔɔ no kum no,+ na wotwaa ne ti,+ na wɔde ne ti no sii kwan so nantew anadwo no nyinaa kɔɔ Araba. 8 Ɛnna wɔde Is-Boset+ ti no kɔmaa Dawid wɔ Hebron, na wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Wo tamfo Saul+ a na ɔrepɛ wo kra+ no ba Is-Boset ti ni. Na ɛnnɛ, Yehowa atɔ were+ ama me wura ɔhene wɔ Saul ne n’asefo so.”
9 Nanso Dawid ka kyerɛɛ Beerotni Rimon mma Rekab ne ne nua Baanah sɛ: “Sɛ́ Yehowa a ogyee+ me kra+ fii ahohia+ nyinaa mu te ase yi,+ 10 bere a obi bɛka kyerɛɛ me+ sɛ, ‘Hwɛ, Saul awu’ na ɛyɛɛ n’ani so sɛ wabɛka asɛmpa no, sɛ́ anka mɛma no ɔbɔfo akatua no, misoo ne mu kum+ no wɔ Siklag, 11 na sɛ nnipa abɔnefo+ akokum ɔtreneeni wɔ ɔno ara ne fie wɔ ne mpa so a, ɛnde dɛn na mɛyɛ wɔn? Meremmisa ne mogya mfi mo nsam+ anaa, na merenyi mo mfi asase so?”+ 12 Ɛnna Dawid hyɛɛ mmerante no, na wokum wɔn+ twitwaa wɔn nsa ne wɔn nan, na wɔkɔsɛn+ wɔn wɔ Hebron ɔtare no ho. Na wɔfaa Is-Boset ti no kosiei wɔ Abner amusiei hɔ wɔ Hebron.+