23 Nanso wampɛ sɛ ɔsan. Enti Abner de ne peaw no ti wɔɔ ne yam+ ma peaw no puee n’akyi, na ɔhwee fam wui ɛhɔ ara. Na ɛbae sɛ obiara du faako a Asahel hwee fam wui no a, na wagyina hɔ.+
27 Bere a Abner san baa Hebron+ no, Yoab de no kɔɔ nkyɛn, kurow pon no mu sɛ ɔrekɔka asɛm bi akyerɛ no kokoam.+ Nanso ɔde peaw wɔɔ ne yam+ wɔ hɔ ma owui, ne nua Asahel+ mogya nti.
10 Amasa de, wanhwɛ nkrante a ɛwɔ Yoab nsam no, enti ɔde wɔɔ+ ne yam, na ne nsono tu guu fam, na wamfea no so, na owui. Afei Yoab ne ne nua Abisai kotiw Bikri ba Saba.