2 Samuel
6 Ɛnna Dawid san boaboaa Israel mmarima akantinka nyinaa ano;+ wɔn dodow si mpem aduasa. 2 Na Dawid ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa sɔree, na wɔkɔɔ Baale-Yuda+ sɛ wɔrekɔfa asafo Yehowa,+ nokware Nyankopɔn a ɔte kerubim so+ no adaka+ a ne din+ da so no afi hɔ aba. 3 Nanso teaseɛnam foforo bi so+ na wɔde nokware Nyankopɔn adaka no sii, na wɔde fii Abinadab fie+ a ɛwɔ koko so no; Abinadab mma Ussa ne Ahio+ dii teaseɛnam foforo no anim.
4 Enti wɔde fii Abinadab fie a ɛwɔ koko so no—ɛne nokware Nyankopɔn adaka no; Ahio na odii Adaka no anim. 5 Na Dawid ne Israel fie nyinaa de nnwonto nneɛma a wɔde ɔpopaw nnua ayɛ nyinaa bi ne asankuten ne asanku+ ne mpintin+ ne nnɔnnɔmma ne nnawuta+ dii ahurusi Yehowa anim. 6 Wɔde nkakrankakra beduu Nakon* awiporowbea hɔ, na ɛhɔ na Ussa+ teɛɛ ne nsa kosoo nokware Nyankopɔn adaka no mu,+ efisɛ ɛkaa kakraa bi sɛ anka anantwi no redan ahwe hɔ. 7 Ɛhɔ ara na Yehowa bo fuw+ Ussa, na nokware Nyankopɔn bɔɔ no hwee fam+ sɛ ɔyɛɛ aniammɔho saa, na owui wɔ nokware Nyankopɔn adaka no ho.+ 8 Ɛnna Dawid bo fuwii sɛ Yehowa abufuw adɛw ahyɛ Ussa. Na wɔbɛfrɛɛ hɔ Peres-Ussa de besi nnɛ.+ 9 Na Dawid suroo Yehowa+ saa da no, na ɔkae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na Yehowa adaka no aba me nkyɛn?”+ 10 Na Dawid ampɛ sɛ ɔde Yehowa adaka no ba ne nkyɛn wɔ Dawid Kurow+ mu. Enti Dawid ma wɔde man kɔɔ Gatni+ Obed-Edom fie.+
11 Na Yehowa adaka no kaa Gatni Obed-Edom fie asram abiɛsa, na Yehowa kɔɔ so hyiraa+ Obed-Edom ne ne fie nyinaa.+ 12 Akyiri yi, wɔbɛbɔɔ Ɔhene Dawid amanneɛ sɛ: “Nokware Nyankopɔn adaka no nti, Yehowa ahyira Obed-Edom fie ne nea ɔwɔ nyinaa.” Ɛnna Dawid kɔfaa nokware Nyankopɔn adaka no fii Obed-Edom fie ahurusi mu sɛ ɔde rekɔ Dawid Kurow mu.+ 13 Na ɛbae sɛ bere a wɔn a wɔso+ Yehowa adaka no tuu anammɔn asia no, ntɛm ara na ɔde nantwinini ne aboa a wadɔ bɔɔ afɔre.+
14 Saa bere no, na Dawid hyɛ nwera pa asɔfotade,+ na na Dawid de n’ahoɔden nyinaa resaw wɔ Yehowa anim. 15 Na Dawid ne Israel fie nyinaa de osebɔ+ ne mmɛnhyɛn+ de Yehowa adaka+ no bae. 16 Bere a wɔde Yehowa adaka no duu Dawid Kurow mu no, Saul babea Mikal+ hwɛɛ mfɛnsere mu, na ohui sɛ Ɔhene Dawid rehuruhuruw, na ɔresaw twa ne ho wɔ Yehowa anim, na obuu ɔhene animtiaa+ ne komam.+ 17 Na wɔde Yehowa adaka no bae, na wɔde besii ne sibea wɔ ntamadan a Dawid si maa no no mu.+ Ɛnna Dawid bɔɔ ɔhyew afɔre+ ne asomdwoe afɔre+ wɔ Yehowa anim. 18 Bere a Dawid wiee ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre no, ohyiraa+ ɔman no wɔ asafo Yehowa din mu.+ 19 Bio nso ɔmaa+ ɔmanfo no, Israel ɔman mũ no nyinaa, ɔbarima ne ɔbea biara, paanoo a ɛte sɛ kawa biako ne nkeresia tetare ne bobe tetare,+ na ɛno akyi no, ɔmanfo no nyinaa kokɔɔ wɔn afie.
20 Ɛnna Dawid san kɔe sɛ ɔrekohyira ne fie,+ na Saul babea Mikal+ fii adi behyiaa Dawid, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Anuonyam bɛn ara na Israel hene ahyɛ ne ho nnɛ yi+ sɛ wapa ne ho wɔ ne nkoa mfenaa anim sɛnea mmarima ahuhufo no bi pa ne ho nyinaa no!”+ 21 Na Dawid buaa Mikal sɛ: “Yehowa a ofii wo papa ne ne fie nyinaa akyi bɛpaw me de me yɛɛ Yehowa man Israel so panyin+ no anim na midii ahurusi, na medi ahurusi bio Yehowa anim.+ 22 Mɛbrɛ me ho ase akyɛn saa koraa,+ na mɛyɛ m’ani so famfamni; mfenaa a wokaa wɔn ho asɛm no, wɔn ara anim na mɛhyɛ me ho anuonyam.”+ 23 Enti Saul babea Mikal+ de, wanwo ba kosii ne wuda.