1 Ahene
5 Tiro+ hene Hiram+ tee sɛ Solomon na wɔasra no asi no hene, ne papa ananmu, enti ɔsomaa ne nkoa+ kɔɔ ne nkyɛn efisɛ Hiram dɔɔ Dawid daa.+ 2 Solomon nso soma kɔɔ Hiram nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ:+ 3 “W’ankasa wunim sɛ ɔko a atamfo de twaa me papa Dawid ho hyiae nti, wantumi ansi ofie amma Yehowa, ne Nyankopɔn din,+ kosii sɛ Yehowa de wɔn guu ne nan ase. 4 Seesei Yehowa me Nyankopɔn ama me ɔhome afã nyinaa ahyia.+ Ɔtamfo biara nni hɔ, na bɔne biara nso nni hɔ.+ 5 Mepɛ sɛ misi ofie ma Yehowa me Nyankopɔn din+ sɛnea Yehowa hyɛɛ me papa Dawid bɔ yi sɛ, ‘Wo ba a mede no bɛtena w’ahengua so asi w’ananmu no, ɔno na obesi ofie ama me din.’+ 6 Enti afei hyɛ ma wontwa nkyeneduru wɔ Lebanon+ mma me; me nkoa bɛba abɛka wo nkoa ho, na wo nkoa akatua nyinaa, mede bɛma wo sɛnea wobɛkyerɛ biara, efisɛ wunim sɛ yenni obiara wɔ yɛn mu a onim nnuatwa te sɛ Sidonfo.”+
7 Bere a Hiram+ tee Solomon nsɛm no ara pɛ, odii ahurusi kɛse, na ɔkae sɛ: “Nhyira+ nka Yehowa nnɛ sɛ wama Dawid ɔba nyansafo+ a ɔredi ɔman kɛse yi so!”+ 8 Ɛnna Hiram soma kɔka kyerɛɛ Solomon sɛ: “Nea wobɛka kyerɛɛ me no, mate, na kyeneduru ne ɔpopaw+ nnua ho asɛm no nso, mɛyɛ w’apɛde ama wo. 9 Me nkoa na wɔde befi Lebanon+ aba mpoano, na me nso makyekyere agu po so de akɔ baabi a wobɛkyerɛ sɛ memfa nkɔ;+ ɛhɔ na mɛma wɔasansan na woabɛfa. Wo nso yɛ m’apɛde ma me na ma me fiefo aduan.”+
10 Enti Hiram maa Solomon kyeneduru ne ɔpopaw nnua dodow biara a ɔpɛ. 11 Solomon nso maa Hiram awi kor+ mpem aduonu ne ngo pa*+ kor aduonu sɛ ɔmfa nhwɛ ne fiefo. Saa na Solomon de maa Hiram afe biara.+ 12 Na Yehowa de, ɔmaa Solomon nyansa sɛnea ɔhyɛɛ no bɔ no,+ na asomdwoe tenaa Hiram ne Solomon ntam, na wɔn baanu yɛɛ apam.
13 Ná Ɔhene Solomon de apaafo fi Israel nyinaa kɔ; apaafo+ no dodow yɛ mmarima mpem aduasa. 14 Ɔsram biara ɔde wɔn mu mpem du kɔ Lebanon. Sɛ wokodi ɔsram biako wɔ Lebanon a, na wɔabedi asram abien wɔ wɔn afie;+ Adoniram+ na na ɔda apaafo+ no ano. 15 Solomon nyaa+ nnipa mpem aduɔson a wɔsoasoa nneɛma,+ ne nnipa mpem aduɔwɔtwe a wɔpae abo+ wɔ mmepɔw so,+ 16 ɛsono Solomon akunini+ a wɔhwɛ adwuma no so no; wɔn nso yɛ mpanyimfo mpem abiɛsa ahasa a wɔhwɛ adwumayɛfo so.+ 17 Ɛnna ɔhene hyɛe sɛ wɔmpae abo akɛse a ne bo yɛ den,+ na wɔmfa abo a wɔapae+ no nto ofie no fapem.+ 18 Enti Solomon adansifo ne Hiram adansifo ne Gebalfo+ paee abo no, na wosiesiee nnua ne abo a wɔde besi ofie no.