1 Ahene
6 Bere a Israelfo fi Egypt asase so bae+ no afe a ɛto so ahanan aduɔwɔtwe a ɛyɛ Solomon afe a ɛto so anan+ bere a ɔbɛyɛɛ Israel hene no, ofii ase sɛ ɔresi ofie ama Yehowa+ wɔ ɔsram Siw,+ ɔsram a ɛto so abien+ no mu. 2 Ɔdan a Ɔhene Solomon si+ maa Yehowa no, ne ntwemu yɛ basafa aduosia,+ ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa aduonu, na ne tenten yɛ basafa aduasa.+ 3 Abantenten+ a ɛwɔ asɔredan no anim no, ne ntwemu yɛ basafa aduonu, ofie no anim. Ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa du ɔdan no anim.
4 Ɔyeyɛɛ mfɛnsere a aka apua wɔ ofie no mu.+ 5 Afei osii nkyɛnmu dan de twaa ɔdan no ho hyiae, wɔ asɔredan no ankasa ne ne pia mu pia+ no ho, na ɔyeyɛɛ nkyɛnmu mpia+ wɔ ho nyinaa. 6 Nkyɛnmu pia a ɛwɔ ase no, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa anum, nea ɛwɔ mfinimfini no, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa asia na nea ɛto so abiɛsa no, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa ason; ɔyeyɛɛ ɔdan no akyi mmamma+ de twaa ho nyinaa hyiae, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremfa biribiara nwurawura ɔdan no afasu mu.+
7 Ɔdan no ankasa de, bere a wɔresi no, wɔde abo a wɔapae+ ayɛ ho biribiara awie na esii; bere a wɔresi ɔdan no, wɔante asae anaa akuma anaa nnade biara nka wɔ fie hɔ.+ 8 Pia a ɛwɔ ase no kwan+ da ɔdan no nifa fam, na atrapoe a akyinkyim na wɔforo de kɔ mfinimfini de no ne nea ɛto so abiɛsa no mu. 9 Na ɔtoaa so sii ɔdan no sɛnea ɛbɛyɛ a obewie,+ na ɔde kyeneduru+ mpuran ne ntaboo sɛm ɔdan no so. 10 Afei nso, ɔyeyɛɛ nkyɛnmu mpia+ wɔ ɔdan no ho nyinaa hyiae, ne tenten yɛ basafa anum, na wɔde kyeneduru nnua susoo mu+ bɔɔ ɔdan no mu.
11 Ɛnna Yehowa asɛm baa Solomon nkyɛn+ sɛ:+ 12 “Ofie a woresi yi ho de, sɛ wonantew m’ahyɛde+ mu na woyɛ m’atemmusɛm+ na wudi me mmara nsɛm nyinaa so na wonantew mu+ a, me nso mɛma wo ho asɛm a meka kyerɛɛ wo papa Dawid no nyinaa aba mu;+ 13 mɛtena Israelfo mu,+ na merennyaw me man Israel.”+
14 Na Solomon toaa so sii ɔdan no sɛnea ɛbɛyɛ a obewie.+ 15 Ɔde kyeneduru nnua yɛɛ ɔdan no mu afasu. Efi ɔdan no fam kosi nsɛmso no mpuran ho no, ɔde nnua kataa ho, na ɔde ɔpopaw nnua+ nso sɛm ɔdan no fam. 16 Bio nso, ɔde kyeneduru ntaboo yɛɛ biribi wɔ ɔdan no akyi a ɛyɛ basafa aduonu, efi fam kosi nsɛmso no so, na ɔyɛɛ Kronkron mu Kronkronbea+ wɔ ɔdan no pia mu pia+ no mu. 17 Ná ɔdan no yɛ basafa aduanan, kyerɛ sɛ, asɔredan+ a ɛwɔ anim no.+ 18 Na nkyeneduru a ɛwɔ ɔdan no mu no, wodii aduaba agude nkuruwankuruwa+ ne nhwiren a ahanhan+ adwini wɔ so. Wɔde kyeneduru na ɛyɛɛ ne nyinaa; wɔanhu abo biara wɔ mu.
19 Osiesiee ɔdan no pia mu pia+ no mu sɛ ɔde Yehowa apam+ adaka+ no besi hɔ. 20 Pia mu pia no ntwemu yɛ basafa aduonu, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa aduonu,+ na ne tenten yɛ basafa aduonu; ɔde sika amapa duraa mu,+ na afɔremuka+ no nso, ɔde kyeneduru duraa ho. 21 Na Solomon de sika+ amapa duraa+ ɔdan no mu, na ɔde sika ntweaban+ twaa pia mu pia+ no anim, na ɔde sika duraa mu. 22 Ɔde sika duraa ɔdan no mu+ nyinaa kosii sɛ owiee ɔdan no ho adwuma nyinaa; afɔremuka+ a ɛkyerɛ pia mu pia hɔ no nso, ɔde sika duraa+ ho nyinaa.
23 Bio nso, ɔde nku dua yɛɛ kerubim+ abien wɔ pia mu pia no mu, biako biara tenten yɛ basafa du.+ 24 Kerubim no ataban biako tenten yɛ basafa anum, na kerubim no ataban biako a aka no nso tenten yɛ basafa anum. Efi n’ataban biako ano kosi biako ano yɛ basafa du.+ 25 Kerubim a ɔto so abien no nso de yɛ basafa du. Kerubim abien no nyinaa tenten ne wɔn kɛse yɛ pɛ. 26 Kerubim biako tenten yɛ basafa du, na saa na obiako a waka no nso te. 27 Ɛnna ɔde kerubim no sisii pia mu pia no mu; ná kerubim+ no ntaban mu atrɛtrɛw. Kerubim no biako ataban ka ɔfasu no, na obiako nso de ka ɔfasu a ɛwɔ ɔfã nohoa no; wɔn ntaban a aka no kyerɛ ɔdan no mfinimfini, na biako ataban ka biako ataban.+ 28 Bio nso, ɔde sika duraduraa kerubim no ho.+
29 Odii kerubim+ ne mmedua+ ne nhwiren a ahanhan+ adwini wɔ ɔdan no afasu no ho, pia no mu, na ɔyɛɛ bi nso wɔ pia mu pia no mu. 30 Ɔde sika duraa ɔdan no fam,+ pia no mu, ne pia mu pia no mu. 31 Na pia mu pia kwan no, ɔde nku dua+ na ɛyɛɛ n’apon:+ nkyɛnmu adum ne apongua ne abupɛn anum mu biako. 32 Ɔde nku dua na ɛyɛɛ n’apon abien no, na odii kerubim ne mmedua ne nhwiren a ahanhan adwini wɔ ho, na ɔde sika duraa ho; ɔde sika nso guu kerubim ne mmedua adwini no so. 33 Saa na ɔyɛɛ asɔredan kwan ne nku dua apongua no, n’afa anan no nyinaa. 34 Ɔde ɔpopaw nnua+ na ɛyɛɛ apon abien no. Ɔpon biako bɔ ho abien na etumi dannan, na ɔpon a aka no nso bɔ ho abien na etumi dannan.+ 35 Odii kerubim ne mmedua ne nhwiren a ahanhan adwini wɔ ho, na ɔde sika guu adwini no ho.+
36 Afei ɔde abo a wɔasen toatoaa so+ abiɛsa na ɔde kyeneduru nnua totoo so yɛɛ adiwo a ɛwɔ mfinimfini no.+
37 Wɔtoo Yehowa fie no fapem+ afe a ɛto so anan, Siw+ a ɛyɛ ɔsram a ɛto so abien no mu; 38 afe a ɛto so dubiako, Bul a ɛyɛ ɔsram a ɛto so awotwe mu no, wowiee ofie no+ ho adwuma nyinaa sɛnea wɔkyerɛe sɛ wonsi no ne ne nsusuwso+ nyinaa. Enti ɔde mfe ason na esi wiei.