Genesis 3:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Enti ɔpam onipa no na ɔde kerubim+ ne ogya nkrante a ɛretwa ne ho kɔwɛn ɔkwan a ɛkɔ nkwa dua no ho no ano wɔ Eden+ turo no apuei fam. 2 Ahene 19:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Na Hesekia bɔɔ mpae+ Yehowa anim sɛ: “O Yehowa, Israel Nyankopɔn+ a wote kerubim+ so, wo nko ara ne nokware Nyankopɔn, asase so+ ahenni+ nyinaa so. Wo na woyɛɛ ɔsoro+ ne asase.+ 2 Beresosɛm 3:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Ɛnna osen kerubim abien+ sisii Kronkron mu Kronkronbea dan no mu, na ɔde sika duraa ho.+ Dwom 99:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 99 Yehowa afi ase redi hene.+ Momma amanaman no ho mpopo.+Ɔte kerubim so.+ Momma asase nhinhim.+
24 Enti ɔpam onipa no na ɔde kerubim+ ne ogya nkrante a ɛretwa ne ho kɔwɛn ɔkwan a ɛkɔ nkwa dua no ho no ano wɔ Eden+ turo no apuei fam.
15 Na Hesekia bɔɔ mpae+ Yehowa anim sɛ: “O Yehowa, Israel Nyankopɔn+ a wote kerubim+ so, wo nko ara ne nokware Nyankopɔn, asase so+ ahenni+ nyinaa so. Wo na woyɛɛ ɔsoro+ ne asase.+