1 Samuel 14:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Ɛnna ahopopo+ sii nsra no mu, wuram hɔ ne awɛmfo dɔm no nyinaa so, na afowfo+ dɔm no mpo ho popoe, na asase wosowee+ ma ɛdan ahopopo a efi Onyankopɔn hɔ.+ Hiob 9:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Ɔma asase wosow fi ne sibea,Na ne nnyinaso+ hinhim. Dwom 82:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Wonnim, na wɔnte ase nso;+Esum mu na wɔnenam;+Wɔma asase nnyinaso nyinaa hinhim.+ Hesekiel 38:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 M’abufuhyew+ mu, m’anibere gya mu na mɛkasa.+ Na saa da no Israel asase bɛwosow kitikiti.+
15 Ɛnna ahopopo+ sii nsra no mu, wuram hɔ ne awɛmfo dɔm no nyinaa so, na afowfo+ dɔm no mpo ho popoe, na asase wosowee+ ma ɛdan ahopopo a efi Onyankopɔn hɔ.+