Nnwom Asaf dwom. 82 Onyankopɔn gyina Tweaduampɔn+ guabɔ mu;+Obu atɛn wɔ anyame no mfinimfini:+ 2 “Mubebu ntɛnkyea akosi da bɛn?+Na mobɛyɛ animhwɛ adi ama nnebɔneyɛfo akosi da bɛn?+ Sela. 3 Munni ɔbrɛfo ne agyanka asɛm mma wɔn.+Mummu mmɔborɔni ne ohiani atɛn trenee mu.+ 4 Muntwitwa nnye ɔbrɛfo ne ohiani;+Munnye wɔn mfi nnebɔneyɛfo nsam.”+ 5 Wonnim, na wɔnte ase nso;+Esum mu na wɔnenam;+Wɔma asase nnyinaso nyinaa hinhim.+ 6 “Me na maka sɛ, ‘Moyɛ anyame,+Na mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma.+ 7 Ɛyɛ dɛn ara a, mubewu sɛnea onipa wu;+Na mobɛtotɔ sɛ akunini no mu biara!’”+ 8 Sɔre ɛ, O Onyankopɔn, na bu asase atɛn;+Na wo na ɛsɛ sɛ wudi amanaman nyinaa so.+