Wɔde ma dwonkyerɛfo, Gitit+ so. Asaf dwom.
81 Monto ahurusi dwom mma Onyankopɔn yɛn ahoɔden no;+
Mommɔ ose mma Yakob Nyankopɔn.+
2 Mommɔ dwom+ na monwosow mpintin,+
Na mommɔ sanku ne sankuten dɛdɛ.+
3 Monhyɛn abɛn, ɔsram foforo;+
Ɔsram atwa korokuma, monhyɛn yɛn afahyɛ da.+
4 Ɛyɛ ahyɛde ma Israel,+
Ɛyɛ Yakob Nyankopɔn atemmusɛm.
5 Ɔde yɛɛ nkaesɛm maa Yosef,+
Bere a ofii adi faa Egypt asase so no.+
Ɛhɔ na yɛtee kasa a yennim.+
6 “Miyii nnesoa fii ne mmati so,+
Na wamfa ne nsa nso ammoma nkɛntɛn so bio.+
7 Ahohia mu na wofrɛɛ me, na migyee wo;+
Mifi aprannaa ahintawee mu gyee wo so.+
Mehwehwɛɛ wo mu hwɛe wɔ Meriba nsu no ho.+ Sela.
8 O me man tie, na merebedi adanse atia wo,+
Sɛ anka wubetie me a, O Israel.+
9 Anka onyame foforo biara remma wo mu,+
Na worenkotow ananafo nyame bi.+
10 Me, Yehowa, mene wo Nyankopɔn,+
Nea oyii wo fii Egypt asase so no.+
Bue w’anom tɛtrɛɛ, na menhyɛ no mã.+
11 Nanso me man antie me nne;+
Israel ampɛ sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ama me.+
12 Enti migyaa wɔn sɛ wonni wɔn komaden no akyi;+
Wɔnantew wɔn ankasa agyinatu mu.+
13 O sɛ anka me man retie me ɛ,+
Sɛ anka Israel bɛnantew m’akwan so ɛ!+
14 Anka medi wɔn atamfo so ntɛm,+
Na madan me nsa akɔ wɔn a wɔmpɛ wɔn asɛm no so.+
15 Wɔn a wokyi Yehowa no bɛbrɛ wɔn ho ase ama no,+
Na wɔn bere rentwam da.
16 Mɛma me nkurɔfo awi mu srade adi,+
Na mɛma wɔn ɛwo afi ɔbotan mu+ adi amee.”