Wɔde ma dwonkyerɛfo, Sukooko so.+ Nkae. Asaf dwom.+ Ayeyi dwom.
80 O Israel Hwɛfo, yɛ aso,+
Wo a woka Yosef sɛ nguankuw no.+
Wo a wote kerubim+ so, pue na hyerɛn ɛ.+
2 Ma wo tumi so, Efraim ne Benyamin ne Manase anim,+
Na begye yɛn nkwa.+
3 O Onyankopɔn, san fa yɛn bra;+
Ma w’anim ntew, na yɛanya nkwa.+
4 O asafo Yehowa Nyankopɔn, wo man mpaebɔ bɛyɛ wo abufuw akosi da bɛn?+
5 Woama nusu adan wɔn aduan,+
Na daa woma wɔnom nusu pii.+
6 Woama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no ko wɔ yɛn ho,+
Na yɛn atamfo di yɛn ho fɛw sɛnea wɔpɛ biara.+
7 O asafo Nyankopɔn, san fa yɛn bra;+
Ma w’anim ntew, na yɛanya nkwa.+
8 Womaa bobe dua fii Egypt.+
Wutuu amanaman no na wuduae.+
9 Wododɔw ho ma enyaa ntini,+ na ɛyɛɛ asase so ma.+
10 Ne nwini kataa mmepɔw so,
Na ne mmaa kataa Onyankopɔn nkyeneduru so.+
11 Ne mmaa nyin koduu po ho,+
Na ne dubaa nso koduu asubɔnten kɛse no ho.+
12 Dɛn nti na woabubu n’abo afasu?+
Na dɛn nti na wɔn a wotwam wɔ ho nyinaa tetew n’aba bi?+
13 Ɛno na kɔkɔte a ɔte wuram we,+
Na mmoadoma a wɔwɔ wuram de ayɛ wɔn aduan.+
14 O asafo Nyankopɔn, yɛsrɛ wo, san w’akyi bra;+
Brɛ w’ani ase fi soro na bɛhwɛ bobe yi,+
15 Ne dua a wo nsa nifa atɛw,+
Na bɛhwɛ aba a woama ayɛ den no.+
16 Wɔde ogya ahyew, wɔatwa akyene.+
W’animka ma wɔyera.+
17 Ma wo nsa mmra onipa a ɔwɔ wo nifa so,+
Ne onipa ba a woama wayɛ den no so.+
18 Na yɛrensan mfi w’akyi.+
Kora yɛn nkwa so, na yɛabɔ wo din.+
19 O asafo Yehowa Nyankopɔn, san fa yɛn bra;+
Ma w’anim ntew, na yɛanya nkwa.+