4 Enti ɔman no soma kɔɔ Silo kɔfaa asafo Yehowa a ɔte kerubim+ so no apam adaka no bae. Ná Eli mmabarima baanu no, Hofni ne Finehas wɔ nokware Nyankopɔn apam adaka no ho.+
2 Na Dawid ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa sɔree, na wɔkɔɔ Baale-Yuda+ sɛ wɔrekɔfa asafo Yehowa,+ nokware Nyankopɔn a ɔte kerubim so+ no adaka+ a ne din+ da so no afi hɔ aba.
15 Na Hesekia bɔɔ mpae+ Yehowa anim sɛ: “O Yehowa, Israel Nyankopɔn+ a wote kerubim+ so, wo nko ara ne nokware Nyankopɔn, asase so+ ahenni+ nyinaa so. Wo na woyɛɛ ɔsoro+ ne asase.+