25 Wɔbɛpam wo afi nnipa mu, na wuram mmoa na wo ne wɔn bɛtena,+ na wura na wɔde bɛma wo awe sɛ nantwi,+ na ɔsoro bosu bɛfɔw wo, na mmere ason+ atwa wo ti so, akosi sɛ wubehu sɛ Ɔsorosoroni no na odi adesamma ahenni so tumi,+ na obiara a ɔpɛ no, ɔde ma no.+