10 Amanaman, muntie Yehowa asɛm, na monka wɔ nsuano aman a ɛwɔ akyirikyiri+ no so sɛ: “Nea ɔbɔɔ Israel hwetee no, ɔno ara bɛboaboa wɔn ano,+ na ɔbɛhwɛ wɔn sɛnea oguanhwɛfo yɛ ne nguankuw.+
12 Sɛnea oguanhwɛfo hwɛ ne nguan+ a wɔahwete+ da a ɔba wɔn mu no, saa ara na mɛhwɛ me nguan. Na meyi wɔn afi baabi a wɔahwete kɔ no nyinaa, omununkum ne esum kabii da no.+