Wɔde ma Yedutan dwonkyerɛfo. Asaf+ dwom. Ayeyi dwom.
77 Onyankopɔn na mɛma me nne so asu afrɛ no,+
Onyankopɔn na mɛma me nne so akyerɛ no, na ɔbɛyɛ aso ama me.+
2 Yehowa na mehwehwɛ no m’ahohia da.+
Meteɛ me nsa anadwo, na ɛmmrɛ;
Me kra po awerɛkyekye.+
3 Mɛkae Onyankopɔn na mayɛ hagyahagya;+
Medwinnwen ho na me honhom atɔ piti.+ Sela.
4 Woaso m’aniwa akyi;+
Mayɛ hagyahagya, na mintumi nkasa.+
5 Masusuw tete nna no ho,+
Teteete mfe no.
6 Mɛkae me sankudwom anadwo;+
Mesusuw ho me komam,+
Na mɛhwehwɛ nneɛma mu yiye me mu.
7 Yehowa bɛkɔ so atow yɛn akyene daa?+
Na n’ani rennye yɛn ho bio anaa?+
8 N’adɔe atwam kɔ dabidabi anaa?+
N’asɛm a waka nso, amma mu+ amma awo ntoatoaso akyi awo ntoatoaso anaa?
9 Enti Onyankopɔn nkae adom bio?+
Anaa n’abufuw nti watwa ne mmɔborɔhunu mu?+ Sela.
10 Anaasɛ menkɔ so nka sɛ: “Nea ɛwowɔ me mu ni,+
Ɔsorosoroni no asesa sɛnea ɔde ne nsa nifa di ma yɛn no”?+
11 Mɛkae Yah nneyɛe;+
Ampa ara, mɛkae anwonwade a woyɛe tete no.+
12 Medwinnwen wo nnwuma nyinaa ho,+
Na wo nneyɛe nso, mesusuw ho.+
13 O Onyankopɔn, w’akwan wɔ kronkronbea hɔ.+
Onyame bɛn na ɔyɛ kɛse sɛ Onyankopɔn?+
14 Wone nokware Nyankopɔn a woyɛ anwonwade.+
Woada w’ahoɔden adi amanaman mu.+
15 Wo basa na wode agye wo man,+
Yakob ne Yosef mma no. Sela.
16 O Onyankopɔn, nsu nyinaa ahu wo,
Nsu nyinaa ahu wo; ɛpenepene.+
Subun nso huru kutukutu.+
17 Omununkum atɔ osu bitibiti;+
Wɔte nnyigyei ɔsoro mununkum mu.
Na w’agyan nso, edi akɔneaba.+
18 W’aprannaa mmobom te sɛ teaseɛnam nan;+
Anyinam hyerɛn wiase;+
Asase hinhim na ɛwosow.+
19 Ɛpo mu na w’akwan da,+
Na w’anammɔn kwan da nsu pii mu;
Obi nnim faako a w’anammɔn wɔ.
20 Woadi wo man anim sɛ nguankuw,+
Wonam Mose ne Aaron nsa so.+