Exodus 13:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Yehowa dii wɔn anim kyerɛɛ wɔn kwan. Ɔnam omununkum dum mu kyerɛɛ wɔn kwan+ awia, na ɔnam ogya dum mu maa wɔn hann anadwo, na ɛma wɔnantew awia ne anadwo.+ Dwom 78:52 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 52 Ɛno akyi no, ɔmaa ne man kɔe sɛ nguankuw,+Na ɔkaa wɔn sɛ mmoakuw wɔ sare no so.+ Hosea 12:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Na Yehowa nam odiyifo so yii Israel fii Egypt,+ na ɔnam odiyifo so hwɛɛ no.+
21 Yehowa dii wɔn anim kyerɛɛ wɔn kwan. Ɔnam omununkum dum mu kyerɛɛ wɔn kwan+ awia, na ɔnam ogya dum mu maa wɔn hann anadwo, na ɛma wɔnantew awia ne anadwo.+