Exodus 12:51 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 51 Na da no ara Yehowa yii Israelfo ne wɔn asafo+ fii Egypt asase so. Dwom 77:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Woadi wo man anim sɛ nguankuw,+Wonam Mose ne Aaron nsa so.+ Yesaia 63:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Wɔkaee tete, n’akoa Mose bere so: “Nea oyii wɔn ne ne nguan so ahwɛfo+ fii po mu+ no wɔ he? Na nea ɔde ne honhom kronkron hyɛɛ ne mu no wɔ he?+ Mika 6:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Hwɛ, me na miyii mo fii Egypt asase so+ gyee mo fii nkoafie,+ na memaa Mose ne Aaron ne Miriam dii mo anim.+
11 Wɔkaee tete, n’akoa Mose bere so: “Nea oyii wɔn ne ne nguan so ahwɛfo+ fii po mu+ no wɔ he? Na nea ɔde ne honhom kronkron hyɛɛ ne mu no wɔ he?+
4 Hwɛ, me na miyii mo fii Egypt asase so+ gyee mo fii nkoafie,+ na memaa Mose ne Aaron ne Miriam dii mo anim.+