Hosea
12 “Efraim aduan ne mframa;+ apuei mframa akyi na odi daa.+ Wama atoro ne ɔsɛe adɔɔso.+ Wɔne Asiria ayɛ apam+ na wɔde ngo kɔ Egypt.
2 “Yehowa ne Yuda anya asɛm,+ na obebu Yakob atɛn sɛnea n’akwan te;+ na obetua no ka sɛnea ne nneyɛe te.+ 3 Ɔyafunu mu na osoo ne nua nantin,+ na n’ahoɔden mu na ɔne Onyankopɔn dii asi.+ 4 Ɔne ɔbɔfo dii asi kosii sɛ odii nkonim.+ Na osu hwehwɛɛ nhyira.”+
Ohuu no Betel,+ na ɛhɔ na ɔne yɛn kasae.+ 5 Yehowa ne asafo Nyankopɔn,+ na Yehowa ne edin a wɔde kae no.+
6 “San bra wo Nyankopɔn nkyɛn,+ na di adɔe+ ne atɛntrenee akyi;+ na fa wo ho to wo Nyankopɔn so daa.+ 7 Atoro nsenia wɔ oguadini nsam,+ na nsisi na ɔpɛ.+ 8 Efraim ka sɛ, ‘Ampa, manya me ho;+ manya ahode pii.+ Na me brɛ nyinaa mu, wobehu sɛ manni mfomso biara a ɛyɛ bɔne.’+
9 “Mene Yehowa wo Nyankopɔn fi Egypt asase so.+ Na mɛma woatena ntamadan mu te sɛ afahyɛ bere. 10 Me ne adiyifo kasae,+ memaa anisoadehu dɔɔso, na menam adiyifo so yɛɛ mfatoho pii.+
11 “Abusude+ ne atosɛm aba Gilead.+ Na wɔde anantwi abɔ afɔre wɔ Gilgal.+ Afei wɔn afɔremuka te sɛ abo a wɔaboa ano asum afuw mu akofi so.+ 12 Yakob guan kɔɔ Siria asase so,+ na ɔyere+ nti Israel+ somee, na ɔyere nti ɔhwɛɛ nguan.+ 13 Na Yehowa nam odiyifo so yii Israel fii Egypt,+ na ɔnam odiyifo so hwɛɛ no.+ 14 Efraim yɛɛ ahisɛm anibere so,+ na ɔde ne mogyahwiegu buaa n’ankasa so,+ na ne wura Kunini no betua n’ahohorabɔ so ka.”+