14 “Monsan mmra, O mma akobɔfo,”+ Yehowa asɛm ni. “Efisɛ mene mo kunu,+ na mɛfa mo, kurow biara mu onipa biako ne abusua biara mu nnipa baanu, na mede mo aba Sion.+
13 Munsuan mo koma mu,+ na ɛnyɛ mo ntade mu,+ na monsan mmra Yehowa mo Nyankopɔn nkyɛn, efisɛ ɔyɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo,+ ne bo kyɛ fuw+ na n’adɔe dɔɔso,+ na amanehunu no nti, obegyae mu ma aka.+
3 “Enti ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea asafo Yehowa aka ni: “‘Monsan mmra me nkyɛn,’+ asafo Yehowa asɛm ni, ‘na me nso mɛsan aba mo nkyɛn,’+ asafo Yehowa na waka.”’