5 Wɔkae sɛ, ‘Mo nyinaa, obiara nnan mfi ne kwammɔne ho ne ne nneyɛe bɔne ho,+ na moatena asase a Yehowa de maa mo ne mo agyanom fi tete no so de akosi daa.+
11 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘“Sɛ mete ase yi, m’ani nnye ɔbɔnefo wu ho,+ na mmom sɛ ɔbɔnefo bɛsan+ afi ne kwan so na wanya nkwa.+ Enti monsan, monsan mfi mo akwammɔne so.+ Adɛn koraa nti na morebewuwu yi, Israel fie?”’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni.