7 “Kae: Mma wo werɛ mmfi sɛnea wohyɛɛ Yehowa wo Nyankopɔn abufuw wɔ sare no so no.+ Efi da a mufii Egypt besi nnɛ a mowɔ ha yi, daa motew atua tia Yehowa.+
26 “Nanso, wɔyɛɛ asoɔden+ na wɔtew w’anim atua,+ na wo mmara nso wɔtow kyenee wɔn akyi,+ na w’adiyifo a wɔkasa kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsan mmra wo nkyɛn no,+ wokunkum wɔn,+ na woyii wo ahii kɛse.+