17 “Me honhom abubu,+ me nkwa nna ahi;
Asiei wɔ hɔ ma me.+
2 Afɛwdifo na wɔatwa me ho ahyia,+
Na m’ani tua wɔn atuatew no.
3 Mesrɛ wo, kora m’awowade so.+
Hena na obekyia me nsam+ de adi agyinam?
4 Wode nhumu ahintaw wɔn koma.+
Ɛno nti na womma wɔn so no.
5 Obi tumi ka kyerɛ nnamfo sɛ wommegye wɔn kyɛfa,
Bere a nea ne mma ani da so mpo bɔ wɔn.+
6 Ɔde me ayɛ aman akasabebu,+
Na mayɛ onipa a wɔtetew ntasu gu n’anim.+
7 Ahometew ama m’aniwa ayɛ kusukusu,+
Me honam akwaa nyinaa ayɛ sɛ sunsuma.
8 Teefo de ahodwiriw hwɛ,
Na nea odi bem nso bo fuw ɔwaefo.
9 Ɔtreneeni bata ne kwan+ ho daa,
Na nea ne nsa ho tew+ kɔ so nya ahoɔden.+
10 Mo nyinaa, momfa mmra bio. Montoa so ɛ,
Na me de, minhu onyansafo biara wɔ mo mu.+
11 Me de, me nna atwam kɔ,+ me nsusuwii agye agu,+
Ade a me koma pɛ no.
12 Wɔde adesae si adekyee ananmu+ na wɔka sɛ:
‘Hann abɛn nea esum wɔ.’
13 Sɛ mekɔ so twɛn mpo a, Adamoa na ɛbɛyɛ me fie;+
Esum+ mu na mɛsɛw me kɛtɛ.
14 Mɛfrɛ amoa sɛ,+ ‘Me papa ne wo!’
Na mafrɛ mmoawa sɛ,+ ‘Me maame ne me nuabea!’
15 Na afei, ɛhe na m’anidaso wɔ?+
M’anidaso—hena na wahu?
16 Ebesian akɔ Adamoa adaban mu,
Bere a me ne m’anidaso nyinaa besian akɔ dɔte mu no.”+