16 Ɛnna Hiob kae sɛ:
2 “Mate nsɛm a ɛtete sɛɛ bebree.
Mo nyinaa moyɛ gyamserefo!+
3 Nsɛnkeka hunu nni awiei?+
Na dɛn na epiapia mo ma mubua nsɛm?
4 Me nso metumi akasa sɛ mo.
Sɛ mo kra wɔ faako a me kra wɔ a,
Enti anka mɛka nsɛnkɛse saa atia mo,+
Na anka mɛwosow me ti agu mo so?+
5 Anka mede m’anom nsɛm bɛhyɛ mo den mmom,+
Na anka m’anom awerɛkyekyesɛm bedwudwo mo yaw—.
6 Sɛ mekasa a, me yaw no nnyae,+
Na mankasa nso a, dɛn na ebefi me ho akɔ?
7 Nanso mprempren de, wahyɛ me brɛ;+
Wama wɔn a wɔne me hyia nyinaa ayera.
8 Woayere me, na abɛyɛ adanse;+
M’ahohia na edi tia me. Edi adanse wɔ m’anim.
9 N’abufuw atetew me pasapasa, na ɔde me ho asɛm ahyɛ ne mu.+
Ɔtwɛre ne sẽ gu me so.+
Me tamfo apɔkye n’ani hwɛ me.+
10 Wɔabue wɔn anom hoo hwɛ me,+
Wɔde ahohorabɔ abɔ me sotɔre,
Wɔaboaboa wɔn ano bebree atu aba me so.+
11 Onyankopɔn ayi me ahyɛ mmarimaa nsa,
Na wapia m’atiko ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa.+
12 Ná mete hɔ dwoodwoo, nanso ɔwosow me;+
Osoo me kɔn akyi, na obubuu me pasaa;
Watu n’ani asi me so.
13 N’agyantofo+ twa me ho hyia;
Ohwirew m’asaabo+ mu a onhu me mmɔbɔ;
Ohwie me bɔnwoma gu fam.
14 Mayɛ sɛ ɔfasu a ɔde nkakrankakra tutu mu ntokuru.
Ɔtow ba me so sɛ ɔdɔmmarima.+
15 Mapam atweaatam+ akata me ho,
Na matow m’anuonyam agu dɔte mu.+
16 Osũ ama m’anim ayɛ kɔɔ,+
Na sum kabii akata m’ani akyi,+
17 Ɛwom sɛ bɔne biara nni me nsam,
Na me mpaebɔ nso ho tew.+
18 O asase, nkata me mogya so!+
Na mma me sufrɛ nnnya atenae!
19 Afei nso, hwɛ! nea ɔredi me ho adanse no te soro,
Na me dansefo wɔ sorosoro.+
20 Me nnamfo ayɛ akasamafo atia me;+
Onyankopɔn na m’aniwa si pɛ twɛn no.+
21 Asɛm a wobebua yi yɛ ɔbarima ne Onyankopɔn ntam asɛm,
Te sɛ onipa ba ne ne yɔnko ntam de ara pɛ.+
22 Na me mfe kakraa bi na aka
Na makɔ ɔkwan a merensan mma bio.+