Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb16 April kr. 3
  • Ka Nsɛm a Ɛyɛ Dɛ Fa Hyɛ Afoforo Nkuran na Hyɛ Wɔn Den

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ka Nsɛm a Ɛyɛ Dɛ Fa Hyɛ Afoforo Nkuran na Hyɛ Wɔn Den
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma (2016)
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hiob Mudi Mu Kura No​—Dɛn Nti Na Ɛyɛ Nwonwa Saa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Hiob Gyinaa Mu—Yɛn Nso Yebetumi Ayɛ Saa Ara!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • “Merennyaa Me Mũdi Mu Da!”
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Hiob Nyaa ne Mudi mu Kura So Akatua
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma (2016)
mwb16 April kr. 3

BIBLE MU AKORADE | HIOB 16-20

Ka Nsɛm a Ɛyɛ Dɛ Fa Hyɛ Afoforo Nkuran na Hyɛ Wɔn Den

Ɛsɛ sɛ ɔfotufo nsɛm hyɛ afoforo den

16:4, 5

  • Hiob botowee na odii awerɛhow, enti na ehia sɛ afoforo boa no na wɔhyɛ no nkuran

  • Hiob nnamfo mmiɛnsa no anka awerɛkyekyesɛm biara ankyerɛ no. Mmom wɔbɔɔ no sobo, na ɛmaa ne haw yɛɛ kɛse

Nsɛm a ɛyɛ yaw a Bildad kae no teetee Hiob

19:2, 25

  • Hiob su frɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma ne ho ntɔ no​—ɔpɛe sɛ owu mpo

  • Hiob de n’ani sii owusɔre ho anidaso a na ɔwɔ no so, na ɔkɔɔ so gyinaa n’amanehunu no ano

Elifas rekasa kyerɛ Hiob, na Bildad ne Sofar rehwɛ wɔn

WƆN A WƆBƆƆ HIOB SOBO NO

Elifas

Elifas:

  • Ebetumi aba sɛ na ofi Teman a na ɛwɔ Edom. Wɔka Teman ho asɛm wɔ Yeremia 49:7 sɛ Edomfo anyansafo kurow

  • Ɛbɛyɛ sɛ Elifas ne “awerɛkyekyefo” mmiɛnsa no mu panyin ne wɔn mu nipa titiriw. Ɔno na odii kan kasae. Ɔkasae mprɛnsa, na na ne kasa no ware kyɛn mmarima mmienu a aka no de no

Sobo a enni nnyinaso:

  • Odii Hiob mũdi mu a okurae no ho fɛw, na ɔkae sɛ Onyankopɔn nnye n’asomfo nni (Hio 4, 5)

  • Ɔkae sɛ Hiob yɛ ahantan, ne tirim yɛ den na onsuro Onyankopɔn (Hio 15)

  • Ɔkae sɛ Hiob yɛ oniberefo, obu atɛnkyea, na onipa so nni mfaso mma Onyankopɔn (Hio 22)

Bildad

Bildad:

  • Ná ofi Suha. Ebetumi aba sɛ na ɔte bɛn Asubɔnten Eufrate

  • Ɔno ne nea ɔto so mmienu a ɔkasae. Mprɛnsa a ɔkasae no nyinaa, na ne nsɛm no yɛ tiawa nanso na ɛyɛ yaw paa kyɛn Elifas de no

Sobo a enni nnyinaso:

  • Ɔkyerɛe sɛ na Hiob mma no ayɛ bɔne, na ɛfata sɛ ɔhaw no baa wɔn so, na ɔkae sɛ Hiob nsom Onyankopɔn (Hio 8)

  • Ɔkyerɛe sɛ Hiob yɛ ɔbɔnefo (Hio 18)

  • Ɔkae sɛ mfaso biara nni so sɛ onipa bekura ne mũdi mu (Hio 25)

Sofar

Sofar:

  • Naamani a ɛbɛyɛ sɛ ofi Arabia atifi fam

  • Ɔne ɔbarima a otwa to a ɔkasae, na ɔno na ɔkasa tiaa Hiob paa. Ɔkasae mprenu pɛ

Sobo a enni nnyinaso:

  • Ɔkae sɛ Hiob keka nsɛnhunu, afei onnyae bɔne yɛ (Hio 11)

  • Ɔkyerɛe sɛ Hiob tirim yɛ den na n’ani gye bɔne ho (Hio 20)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena