18 Ɛnna Bildad+ a ofi Suha no kae sɛ:
2 “Da bɛn na mubegyae saa nsɛm no ka?
Monte asɛm ase kakra, na yɛn nso yɛatumi akasa.
3 Adɛn, ɛyɛ mo sɛ yɛyɛ mmoa anaa?+
Anaa mohwɛ a, yɛyɛ nkwaseafo?
4 Sɛ abufuw nti, wotetew wo mu nketenkete mpo a,
Wugye di sɛ wo nti wɔbɛpo asaase?
Anaa ɛyɛ wo sɛ wo nti ɔbotan betu afi baabi a esi?
5 Ampa, ɔbɔnefo kanea bedum,
Na ne gyaframa renhyerɛn.+
6 Ne ntamadan mu hann bɛdan sum,
Na kanea a ɛsɛn ne ntamadan mu bedum.
7 Sɛnea ɔnantew a, ɔde ahoɔden twe ne nan mu no, ɛbɛbrɛ ase,
Na ɔno ara n’afotu bɛma wahwe ase.+
8 Efisɛ ne nan de no bɛkɔ akɔtɔ atena mu,
Na obekyinkyin akɔtɔ asau mu.
9 Afiri beso ne nantin;
Ɔbɛka aguaa mu.+
10 Wɔde hama asie fam retwɛn no,
Na wɔasum afiri wɔ ne kwan so.
11 Nneɛma a ɛyɛ hu hunahuna no baabiara,+
Na ɛde mmirika di n’akyi pɛɛ.
12 N’ahoɔden bɛsa,
Na amanehunu+ bɛma wakɔ afã-afã.
13 Ne honam bɛsa,
Na ɔyare bɔne bɛwewe ne nsa ne ne nan.
14 Wɔbɛtwe no afi ne ntamadan mu, baabi a onya ahobammɔ no,+
Na wɔatwe no akɔ nneɛma huhuuhu hene no anim.
15 Ahɔho na ɛbɛtena ne ntamadan mu;
Wɔde sɔfe bɛpete ne fi.+
16 Ne ntini bewu wɔ fam,
Na ne nkorabata bɛhyew wɔ soro.
17 Obiara renkae no wɔ asaase so,
Na nkurɔfo renkae ne din bio wɔ abɔnten so.
18 Wɔbɛpam no afi hann mu akɔ sum mu,
Na wɔapam no afi asaase so.
19 Ɔrennya mma ne asefo wɔ ne nkurɔfo mu,
Na ne ho nipa biara renka wɔ baabi a ɔte no.
20 Ne bere so a, nnipa a wɔwɔ Atɔe ho bedwiriw wɔn,
Na nnipa a wɔwɔ Apuei nso bɛbɔ hu paa.
21 Eyi na ɛbɛba ɔbɔnefo ntamadan so,
Na nea onnim Onyankopɔn no, eyi na ɛbɛto ne tenabea.”