23 Ɛnna Hiob buae sɛ:
2 “Ɛnnɛ de, m’adwennwen+ ama madan otuatewfo;
Na m’apinisi nti, me basa mu agow.
3 O sɛ anka minim faako a mehu no ɛ!+
Anka mɛkɔ ne tenabea hɔ.+
4 Anka mede m’asɛm bɛto n’anim,
Na mede nsɛm pii ayi me ho ano;
5 Anka mehu nsɛm a ɔde bebua me,
Na masusuw nea ɔbɛka akyerɛ me ho.+
6 Anka ɔde n’ahoɔden dodow no ne me bedi asi anaa?
Dabida! Anka tie na obetie me.+
7 Ɛhɔ na teefo ne Onyankopɔn besiesie nsɛm,
Na medi bem wɔ me temmufo anim afebɔɔ.
8 Hwɛ! Mekɔ apuei, nanso onni hɔ;
Mesan m’akyi, nanso minhu no;+
9 Mekɔ benkum, faako a ɔyɛ adwuma, nanso m’aniwa nhu no;
Ɔman fa nifa, nanso minhu no.
10 Ɔno de, onim ɔkwan a menam so.+
Sɛ ɔsɔ me hwɛ wie a, me ho befi sɛ sika.+
11 Me nan tintim n’anammɔn mu;
Ne kwan so na mefa, na mentere ho.+
12 N’anom mmara, mentwe me ho mfi ho.+
Mede n’anom nsɛm asie+ asen nea ɔhwehwɛ fi me hɔ nyinaa.
13 N’adwene si pi, hena na obetumi asɔre atia no?+
Na nea ne kra pɛ no, ɔbɛyɛ.+
14 Efisɛ nea wahyɛ ato hɔ ama me nyinaa ɔbɛyɛ,+
Na nneɛma a ɛtete saa de, ɔyɛ pii.
15 Ɛno nti na mahaw wɔ n’anim yi;
Midwennwen ho a, na misuro no.+
16 Ampa ara, Onyankopɔn ama me koma abotow,+
Na ade nyinaa so Tumfoɔ no ama mahaw.+
17 Esum mma menyɛɛ dinn,
Na sum kabii nkataa m’anim.