24 “Dɛn nti na ade nyinaa so Tumfoɔ no nhyɛɛ atemmu bere ntoo hɔ,+
Na wɔn a wonim no nso nhuu ne nna?+
2 Ebinom piapia ahye;+
Wohwim mmoakuw, na wɔyɛn wɔn.
3 Wɔpam nnyanka mfurum;
Wogye okunafo nantwi awowa.+
4 Wopia ohiani fi kwan so;+
Asase so mmɔborɔni nso de ne ho hintaw.
5 Hwɛ! Sɛnea sare so afurum+ nenam no,
Saa na ofi adi kɔ ne nnwuma so kɔpɛ aduan.
Na anhwea pradada so na onya aduan ma ne mmarimaa.
6 Mfuw mu na otwa mmoa aduan,
Na nnebɔneyɛfo bobeturo mu na ɔfom nnɔbae ase.
7 Ɔde adagyaw na ɛda, onni ntama,+
Na hwee nkata ne ho wɔ awɔw+ mu.
8 Mmepɔw so osutɔ kɛse fɔw no,
Na guankɔbea a enni hɔ nti,+ ɔbotan ho na ɔfam.
9 Wohwim nnyanka fi nufu ano,+
Na nea efura mmɔborɔni nso, wogye no awowa.+
10 Ɔnenam adagyaw mu, onni ntama,
Na ɔkɔm a ɛde no nti, ɔsoasoa mmɛtem a aka ase.+
11 Abo ntam na ɔte awiabere;
Otiatia nsã-kyi-amoa mu, nanso osukɔm de no.+
12 Kurow no mu na wɔn a wɔrewu no si apini ma wɔte wɔ akyi hɔ,
Na wɔn a wɔapirapira wɔn nso akra teɛm hwehwɛ mmoa;+
Nanso Onyankopɔn de, ɛmfa no ho.+
13 Abɔnefo atew atua atia hann;+
Wɔanhu n’akwan,
Na wɔantena n’atempɔn so.
14 Owudifo sɔre awiabere,
Okum mmɔborɔni ne ohiani;+
Na edu anadwo a, ɔdan ɔkorɔmfo.+
15 Ɔwaresɛefo aniwa de,+ nea ɛtwɛn ara ne sɛ esum beduru anwummere,+
Ɔka sɛ: ‘Aniwa biara renhu me!’+
Na ɔde nkataanim kata n’anim.
16 Ɔkorɔmfo tutu nkurɔfo dan ase anadwo;
Ɔto ne ho pon mu awiabere.
Onhu hann da.+
17 Anɔpa ayɛ sɛ sum kabii+ ama no,
Efisɛ onim sɛ esum kabii mu ahude betumi aba mpofirim.
18 Nsu twe no kɔ ntɛmntɛm.
Wɔbɛdome n’asase a ɔte so wɔ wiase.+
Ɔrennan nkɔ bobeturo mu.
19 Ɔhyew ne ɔpɛ hwim sukyerɛmma nsu kɔ;
Saa na Adamoa yɛ wɔn a wɔyɛ bɔne!+
20 Awotwaa werɛ befi no, na mmoawa betu agu no so adi ne nam,+
Wɔrenkae no bio.+
Na amumɔyɛ bebubu sɛ dua.+
21 Obonin a ɔnwo mpo, ɔyɛ no basabasa,
Na okunafo+ nso, ɔnyɛ no yiye.
22 Onyankopɔn de ne tumi bɛtwe ahoɔdenfo akɔ;
Wɔbɛsɔre, na wonnim nea wɔn nkwa bɛyɛ.
23 Ɔbɛma wɔanya ahotoso+ na wɔahyɛ wɔn ho den;
Na n’aniwa bɛhwɛ wɔn akwan.+
24 Wodu nea ɛkorɔn, na ɛyɛ kakra pɛ, na wonni hɔ bio,+
Wɔbɛbrɛ wɔn ase;+ wɔbɛpempan wɔn sɛnea wɔyɛ obiara no,
Na wobetwa wɔn agu sɛ awi mmɛtem.
25 Enti hena na ɔbɛka sɛ meyɛ ɔtorofo
Anaa ɔbɛka sɛ nea mereka yi yɛ nsɛnhunu?”