Hiob
25 Ɛnna Bildad+ a ofi Suha no buae sɛ:
2 “Ɔno na tumidi wɔ no, na ne ho yɛ hu;+
Ɔma asomdwoe ba ɔsorosoro hɔ.
3 Obi betumi akan n’asafodɔm anaa?
Na hena na ne hann nhyerɛn wɔ no so?
4 Enti ɛbɛyɛ dɛn na onipa desani bedi bem wɔ Onyankopɔn anim?+
Na ɛbɛyɛ dɛn na onipa a ɔbea awo no ho bɛtew?+
5 Hwɛ! Ɔsram mpo, ɛnhyerɛn;
Na nsoromma nso, ɛho ntew n’ani so.