Hiob
4 Ɛnna Elifas+ a ofi Teman no buae sɛ:
2 “Sɛ obi bɔ mmɔden ka asɛm bi kyerɛ wo a, ɛbɛhaw wo anaa?
Nanso hena na obetumi aka ne kasa ahyɛ?
5 Afei a ebi ato wo no, woabotow;
Ebi kaa wo yi de, woahaw.
9 Onyankopɔn home mu na wɔsɛe,
Na n’abufuhyew mu na wɔn awiei ba.
10 Gyata bobom, wɔte gyataforo nne,
Nanso gyatanini sẽ bubu.
11 Hanam a enni hɔ nti, gyata wu,
Na gyata mma bɔ pete.
13 Ɔdadwen a efi anadwo anisoadehu mu no mu,
Bere a nnahɔɔ tɔ nnipa so no.
14 Ehu kaa me, me ho popoe,
Na ehu hyɛɛ me nnompe nyinaa mã.
15 Honhom bi betwaam wɔ m’anim;
Me ho nhwi sɔresɔree.
16 Ebegyinaa hɔ dinn
Nanso manhu sɛnea ɛte;
Biribi begyinaa m’ani so;
Ɛhɔ tɛm dinn, na afei metee ɛnne bi sɛ:
17 ‘Onipa desani—obetumi ateɛ asen Onyankopɔn anaa?
Na ɔbarima ho betumi atew asen ne Bɔfo?’
18 Hwɛ! Onni gyidi wɔ n’asomfo mu,
Na n’abɔfo nso, obu wɔn sɛ wɔtɔ sin;
19 Na wɔn a wɔtete dɔtedan mu de, obebu wɔn dɛn,
Wɔn a wɔn fapem yɛ dɔte no!+
Wɔyam wɔn ntɛm sen abubummabaa.
20 Ebefi anɔpa akosi anwummere no, na wɔayam koraa;
Wɔyera korakora a obiara nnwen ho.
21 Wɔn ntamadan hama no, wɔntetewee anaa?
Nyansa a wonni nti, wowuwu.